1Me ba, mma wo werɛ mmfi me mmara,
na ma wo koma nni me mmara nsɛm so;
2 Mmb 4.10; Lew 18.5 efisɛ onyinkyɛ ne nkwa mfe ne asomdwoe
na ɛde bɛka wo ho.
3 Mmb 6.21; 7.3; Deut 6.8; Yer 31.33 Mma adɔe ne nokware nnnyaw wo;
fa kyekyere wo kɔn,
kyerɛw wo koma pon so.
4 Luka 2.52 Ɛnna wubenya ɔdom ne nimdeɛ pa,
Onyankopɔn ne nnipa anim.
5Fa wo koma nyinaa bata AWURADE ho,
na mfa wo ho ntweri wo nhumu.
6Hu no w’akwan nyinaa mu,
na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan,
7 Yes 5.21 Nyɛ w’ani so onyansafo,
suro AWURADE, na dan fi bɔne ho.
8 Mmb 4.22 Ɛbɛyɛ ahoɔden ama wo honam,
ne akwahosan ama wo nnompe.
9 Eks 23.19 Fa w’ahonyade hyɛ AWURADE anuonyam,
ne wo nnɔbae mu adekan nyinaa;
10ɛnna ade dodow bɛyɛ w’asan amaama,
na wo nsa-kyi-amoa mu nsa foforo bebu so.
11 Hiob 5.17-19; Heb 12.5-6 Me ba, mpo AWURADE nteɛso,
na mma n’animka mmfono wo.
12 Adi 3.19 Na nea AWURADE dɔ no na ɔka n’anim,
sɛ agya yɛ ne ba a ɔdɔ no.
13 Mat 13.44 Nhyira ne onipa a ohu nyansa,
ne onipa a onya ntease.
14 Mmb 8.10, 19 Na emu adenya ye sen dwetɛ de,
na ne mfaso sen sika amapa.
15 Mat 13.45-46 Ne bo yɛ den sen mmota,
na afɛfɛde nyinaa, wɔmfa nto ho.
16 Mmb 3.2 Onyinkyɛ wɔ ne nifa mu,
ne benkum kura ade ne anuonyam.
17N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ,
na n’asa nyinaa yɛ asomdwoe.
18Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso no mu,
na nhyira ne nea okura mu.
19 Mmb 8.24-30 AWURADE de nyansa na ɛhyɛɛ asase ase,
ɔde ntease de ɔsoro tim hɔ;
20ne nimdeɛ so na abun mu nsu paee,
na amununkum sosɔ obosu.
21Me ba, fa nyansahu ne adwempa sie,
na mma ɛnnan mmfi w’ani so,
22 Mmb 1.9 na ayɛ nkwa ama wo kra,
ne anuonyam ama wo kɔn.
23Ɛno na wobɛnantew wo kwan so dwoodwoo,
na wo nan anhintiw.
24 Nnw 3.5; 4.8 Sɛ wokɔda a, woremmɔ piriw,
na woda a, wo nna bɛyɛ dɛ.
25Nsuro mpofirim huyi
ne abɔnefo sɛe a ɛbɛba.
26 Mmb 10.29 Na AWURADE bɛyɛ w’ahodasode,
na ɔbɛkora wo nan afi ɔkyere mu.
27Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no,
bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.
28Nka nkyerɛ wo yɔnko se: Kɔ na bra!
Ne: Ɔkyena mede mɛma,
bere a ɛwɔ wo hɔ.
29Mpam wo yɔnko ho apammɔne,
bere a ɔne wo te hɔ dwoodwoo no.
30Wo ne obi nnni atutuw kwa,
bere a ɔnyɛɛ wo bɔne bi no.
31Ntwe otirimmɔdenfo ho ninkunu,
nso mpaw n’akwan mu biara.
32 Nnw 25.14 Na ɔkɔnkɔnsani yɛ AWURADE akyide,
na teefo na ɔne wɔn di atirimsɛm.
33AWURADE nnome wɔ ɔbɔnefo fi,
na ohyira treneefo tenabea.
34 Mmb 1.26; 1 Pe 5.5 Yiw odi afɛwdifo ho fɛw,
na ɔdom ahobrɛasefo.
35Anyansafo benya anuonyam adi,
na nkwasea bɛsoa ahohora.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.