Gyenesis NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

NHYƐNMUEdin Gyenesis no asekyerɛ ne: Mfiase. Saa nhoma yi kyerɛ sɛnea wosi bɔɔ wiase ne onipa, wiase amanehunu ne bɔne mfiase, ne Onyankopɔn kwan a ɔde adasamma refa so. Wotumi kyɛ Gyenesis nhoma no mu akuw abien.1. Ti 1-11 Ɛha yi kyerɛ sɛnea wosi bɔɔ wiase. Afei nso ɛka adasamma ho abakɔsɛm. Beae ha na yɛte Adam, Hawa, Noa, Nsuyiri ne Babel Abantenten ho nsɛm.2. Ti 12-50 Kyerɛ abakɔsɛm a ɛfa Israelfo Agyanom ho. Nea odi kan ne Abraham a wonim no sɛ: Ogyidini ne ɔhobrɛasefo ma Onyankopɔn. Ɔno akyi na yɛte abasɛm a ɛfa ne ba Isak, ne Abraham nana Yakob a wɔfrɛ no Israel, ne Yakob mma dumien a wɔhyɛɛ Israelfo mmusuakuw dumien no ase no ho nsɛm. Yosef ka Yakob mma dumien no ho de, nso nea wɔka fa ne ho no yɛ sonowonko. Ɛnam no so na Yakob ne ne mma ne wɔn abusuafo nyinaa kɔtenaa Misraim.Nhoma no reka nnipa ho nsɛm no, na ɛresi nneɛma titiriw bi a Onyankopɔn ayɛ so dua. Efi ase sɛ Onyankopɔn bɔɔ wiase, na ekowie sɛ, ɔbɛkɔ so ama ne nkurɔfo ho asɛm ahia no. Nhoma mu no nyinaa mu no, otitiriw a wɔbɔ ne din ne Onyankopɔn a obu ntɛn na ɔtwe nnebɔneyɛfo aso. Odi ne nkurɔfo kan na ɔboa wɔn wɔ wɔn asetena mu na osiesie wɔn abakɔsɛm nso. Wɔkyerɛw saa nhoma sonowonko yi sɛ ɛnkyerɛ nnipa gyidi na ɛmmoa na wɔn gyidi no nkɔ so.EMU NSƐMSɛnea wosi bɔɔ wiase ne adasamma 1.1—2.25

Bɔne ne amanehunu mfiase 3.1-24

Efi Adam so kosi Noa so 4.1—5.32

Noa ne Nsuyiri ho asɛm 6.1—10.32

Babel Abantenten 11.1-9

Efi Sem so kosi Abram so 11.10-32

Israelfo Agyanom: Abraham, Isak, Yakob 12.1—35.29

Esau asefo 36.1-43

Yosef ne ne nuanom ho asɛm 37.1—45.28

Israelfo kɔtenaa Misraim 46.1—50.26

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help