Nnwom mu dwom 7 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nkɔmmɔbɔ

1Wo mpaboa mu anammɔn tutu yɛ fɛ dɛn ara,

ɔdehye babea, w’asen ne w’ataaso te sɛ adwinni

a odwumfo nsa ayɛ.

2Wo funuma te sɛ kora kurukuruwa

a mfrasa mmɔ no da,

wo yafunu te sɛ awikuw bi

a wɔde sukooko asisiaw ho.

3Wo nufu abien

te sɛ atweforo nta;

4 Nmd 4.4 wo kɔn te sɛ asonse abantenten;

w’aniwa te sɛ Hesbon atare

a ɛwɔ Batrabim pon ho no;

wo hwene te sɛ Lebanon abantenten

a ɛkyerɛ Damasko fam no;

5wo ti si wo so sɛ Karmel,

wo ti nwi hwie te sɛ ntama a ɛberedum,

ne mmɛsa afa ɔhene dommum.

6 Nmd 1.15; 2.14 Wo ho yɛ fɛ dɛn ara,

na wosɔ ani dɛn ara, ɔdɔfo,

anigyede horow no mu.

7Wo kɛseyɛ yi te sɛ ɔbɛten,

wo nufu te sɛ obobe kasiaw.

8Mise, mɛforo bɛten maso ne mpopa mu,

na ma wo nufu nyɛ sɛ obobe kasiaw,

na wo hwenem hua nyɛ sɛ akutu,

9na wo dodom nyɛ sɛ bobesa pa!

Ɛno na ɛkɔ me dɔfo yiye,

ɛma wɔn a wɔtɔ nko kasakasa.

10 Nmd 2.16 Me de, meyɛ me dɔfo de,

na me na n’ani gyina me.

11 Nmd 2.10-13 Bra, me dɔfo, na yɛnkɔ petee mu,

ma yɛnsoɛ nkuraa ase.

12 Nmd 6.11 Ma yentua ahema nkɔ bobe nturo mu nkɔhwɛ

sɛ obobe afefɛw, na ne nhwiren apaepae,

sɛ atea agu nhwiren anaa?

Ɛhɔ na meyi me dɔ makyerɛ wo.

13Asaa no yiyi ne hua,

na aba a ɛwɔ bo nyinaa wɔ yɛn pon ano,

aba afoforo ne adedaw,

me dɔfo, mede masie mama wo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help