1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
2Eks 35.5, 22 Ka kyerɛ Israelfo no na wɔmmɛma me soma afɔrebɔde. Obiara a ne koma ka no nkyɛn na munnye me soma afɔrebɔde.
3Na eyi ne soma afɔrebɔde a munnye wɔn nkyɛn no: sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafrae,
4ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fufu ne mmirekyi nwi,
5ne adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ ne sukraman nhoma ne ɔkanto nnua,
6kanea ho ngo, ɔsra ngo ne nnuhuam a wɔhyew ho nnuru,
7apopobibiri abo ne abo a wɔde besisi asɔfotade no ne adɛbo no mu no.
8Na ma wɔnyɛ tenabea kronkron mma me na mentena wɔn mu.
9Eks 25.40 Sɛnea me ara merebɛkyerɛ wo tenabea no tebea ne ɛho nneɛma nyinaa tebea no nyinaa no, saa ara na monyɛ no.
Apam adaka no yɛbea(Eksodɔs 37.1-9)10 Eks 37.1-9 Na wɔmfa ɔkanto nyɛ adaka a ne tenten bɛyɛ basafa biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn abien ne fa, na ne korɔn bɛyɛ anammɔn abien ne fa.
11Na fa sika amapa dura ho, emu ne ɛho nyinaa na dura, na yɛ sika hankare twa ho hyia.
12Na gu sika nkaa anan, na fa tuatua ne nan anan no ho; nkaa abien nni ɔfa ha, na nkaa abien nni ɔfa ha.
13Na fa ɔkanto sinsen mpoma, na fa sika dura ho.
14Na fa poma no wurawura nkaa no mu wɔ adaka no nkyɛn mu, na wɔmfa nsoa adaka no.
15Mpoma no nwurawura adaka no ho nkaa no mu; wonnyiyi mmfi mu.
16Eks 25.21 Na fa Adanse a mede mɛma wo no hyɛ adaka no mu.
17 Heb 4.16 Na fa sika amapa yɛ mpata agua, ne tenten bɛyɛ basafa biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn abien ne fa.
18Na yɛ sika kerubim abien, ɔboro adwuma na fa yɛ, na fa sisi mpata agua no ti abien no so.
19Na yɛ kerub biako wɔ ti ha ne kerub biako wɔ ti ha. Mpata agua no mu na momma kerubim no nyi adi wɔ ne ti abien no so.
20Na kerubim no ntrɛtrɛw wɔn ntaban mu ɔsoro mfa wɔn ntaban no nkata mpata agua no so, na wɔn ani nkyerɛkyerɛ wɔn ho; mpata agua no so na kerubim no ani nkyerɛkyerɛ.
21Eks 34.29; 1 Ah 8.9; Heb 9.4 Na fa mpata agua no si adaka no so, na adaka no mu na fa Adanse a mede mɛma wo no hyɛ.
22Num 7.89 Na ɛhɔ na me ne wo behyia, na mafi mpata agua no so wɔ kerubim abien a wɔwɔ Adanse adaka no so no ntam maka wo nneɛma a mɛhyɛ wo sɛ fa kyerɛ Israelfo no nyinaa.
Ɔpon no ho nhyehyɛe(Eksodɔs 37.10-16)23 Eks 37.10-16 Na fa ɔkanto yɛ ɔpon, ne tenten basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ anammɔn biako ne fa, na ne korɔn bɛyɛ anammɔn abien ne fa.
24Na fa sika amapa dura ho, na fa sika hankare twa ho hyia.
25Na yɛ ɛho mfomfamho a ne trɛw te sɛ nsam hyia, na fa sika hankare twa mfomfamho no ho hyia.
26Na yɛ sika nkaa anan, na fa nkaa no sisi ntwea anan a ɛwowɔ ne nan ho no so.
27Mfomfamho no ase pa ara na nkaa no nni, na ɛnyɛ nea wɔde mpoma bewurawura mu de asoa ɔpon no.
28Na fa ɔkanto sinsen mpoma no, na fa sika duradura ho, na wɔde asoa ɔpon no.
29Na yɛ ɛso nsanka ne nsankawa ne nkora ne nkuruwa a wɔde behwie; sika amapa na fa yɛ.
30Lew 24.5-6 Na fa kyerɛ abodoo sisi ɔpon no so wɔ m'anim daa yi.
Kaneadua no(Eksodɔs 37.17-24)31 Eks 37.17-24 Na fa sika amapa yɛ kaneadua; ɔboro adwuma na fa yɛ kaneadua no, ne nan ne ne dua; ɛho nhwiren no nkuramu, ne kukuduuduu ne ne nhwiren no mfi ɛno ara mu.
32Na nsa asia ntuatua ho, kaneadua no nsa abiɛsa ntuatua ɔfa ha, na kaneadua no nsa abiɛsa nso ntuatua ɔfa ha.
33Nhwiren nkuramu abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran de wɔ nsa biako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren, na nhwiren nkuramu abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran de wɔ nsa biako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren. Saa ara na yɛ wɔ nsa asia a etuatua kaneadua no ho no ho.
34Na kaneadua no ho, nhwiren nkuramu a ɛte sɛ ɔsonkoran de anan, ne kukuduuduu ne ne nhwiren.
35Na kukuduuduu nsisi nsa abien abien a etuatua ho no ase, wɔ nsa asia a etuatua kaneadua no mu no ase.
36Ɛho kukuduuduu ne ɛho nsa no mfi mu ara, ne nyinaa sika amapa na wɔmfa nyɛ no ɔboro adwuma biako.
37Na yɛ ɛso akanea asɔn, na wɔmfa n'akanea no nsisi so, na ɛnnɛw wɔ anim nkyerɛ fa hɔ.
38Na ɛho adabaw ne ho nso nkukuwa nyɛ sika amapa.
39Sika amapa dwetikɛse biako na wɔmfa nyɛ, ne ɛho nneɛma yi nyinaa.
40Eks 26.30; Aso 7.44; Heb 8.5 Na hwɛ na yɛ no sɛnea ne nsusuwso a wɔde akyerɛ wo bepɔw no so no te no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.