1 Yer 39.11-14 Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn bere a ankɔbeahene Nebusaradan Rama ni no agyaa no; ɔkɔfaa no bae no, na wɔagu no nkɔnsɔnkɔnsɔn, Yerusalem ne Yuda atukɔfo a wɔretu wɔn akɔ Babel no mu;
2na ankɔbeahene no ma wɔkɔfaa Yeremia bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE wo Nyankopɔn no aka bɔne yi nyinaa atia ha yi,
3nanso wama aba mu, na AWURADE ayɛ sɛnea ɔkae no, efisɛ moyɛɛ bɔne tiaa AWURADE, na moantie no ma asɛm yi aba mo so.
4Na afei ɛnnɛ mayi wo mafi nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu wo nsa no mu, sɛ wopɛ sɛ wo ne me kɔ Babel a, bra na mɛma m’ani aku wo ho; na sɛ wompɛ sɛ wo ne me kɔ Babel a, ɛnne ma ɛnka; hwɛ, asase no nyinaa na ɛda w’anim yi; faako a wunim sɛ eye na wopɛ sɛ wokɔ no, kɔ!
5Na onnya mmuae no, ɔkae sɛ: San kɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no asi Yuda nkurow so panyin no nkyɛn, na wo ne no ntena ɔman no mu; anaasɛ baabiara a wopɛ sɛ wobɛkɔ no, kɔ! Na ankɔbeahene no maa no akwansoduan ne ayɛyɛde, na ogyaa no kwan.
6Na Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn Mispa, na ɔne no tenaa nkurɔfo a wogyaw wɔn asase no so no mu.
Wɔpam Gedalia tiri so(2 Ahene 25.22-24)7 2 Ah 25.22-24 Na ɛdɔm asafohene a wɔwɔ wuram no nyinaa, wɔne wɔn mmarima tee sɛ Babel hene de Ahikam ba Gedalia asi asase no so panyin, ne sɛ ɔde mmarima ne mmea ne mmofra ne asase no so ahiafo a wɔantu wɔn ankɔ Babel no mu bi ahyɛ n’ase no,
8Yer 41.1, 11 wɔbaa Gedalia nkyɛn Mispa, wɔne Netania ba Ismael, ne Yohanan ne Yonatan a wɔyɛ Karea mma, ne Tanhumet ba Seraia, ne Netofani Efai mma, ne Maakatni ba Yesania, wɔne wɔn mmarima.
9Na Safan ba Ahikam ba Gedalia kaa wɔn ne wɔn mmarima no ntam sɛ: Munnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafo no, montena asase no so na monsom Babel hene, na ensi mo yiye.
10Na me de, hwɛ, mete Mispa, sɛ megyina Kaldeafo a wɔba yɛn nkyɛn no anim; na mo de, monkɔboaboa nsa ne nnuaba ne ngo ano ngu mo nneɛma mu, na montena mo nkurow a moafofa mu.
11Nanso Yudafo a wɔwɔ Moab ne Amonfo mu ne Edom, ne wɔn a wɔwɔ nsaase no nyinaa so no nyinaa tee sɛ Babel hene agyaw nkae bi ama Yuda, ne sɛ ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia asi wɔn so panyin no,
12Yudafo no nyinaa san fii nea wɔbobɔɔ wɔn petee hɔ no baa Yuda asase so, Gedalia nkyɛn Mispa, na wɔbɛboaboaa nsa ne nnuaba pii ano.
13Na Karea ba Yohanan ne dɔm asafohene a wɔwɔ wuram no nyinaa baa Gedalia nkyɛn Mispa
14bɛka kyerɛɛ no sɛ: So wunim sɛ Amonfo hene Baalis asoma Netania ba Ismael sɛ ɔmmra mmekum wo? Na Ahikam ba Gedalia annye wɔn anni.
15Na Karea ba Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia kokoam, Mispa sɛ: Ma menkɔ minkokum Netania ba Ismael, na obiara ante; ɛdɛn nti na ommekum wo, na Yuda a wɔaboa wɔn ho ano aba wo nkyɛn no nyinaa mmɔ mpete, na Yuda nkae no nyera?
16Na Ahikam ba Gedalia ka kyerɛɛ Karea ba Yohanan sɛ: Nni saa asɛm yi, na atosɛm na woreka Ismael ho yi.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.