Hosea 10 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Kan yiyedi ne nnɛ yi sɛe

1 Yer 2.21 Israel yɛ obobe pa a ɛsow n’aba nso; dodow a n’aba dɔɔso no, dodow no ara na wama afɔremuka nso adɔɔso; n’asase yiye a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiye nso.

2Wɔn koma mu apaepae, afei ɛso bebua wɔn. Ɔno na obedwiriw wɔn afɔremuka agu, na wasɛe wɔn ahoni adum no.

3Na afei wɔbɛka sɛ: Yenni hene; efisɛ yɛansuro AWURADE, na ɔhene nso, dɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?

4Wɔakeka nsɛm, wɔakeka ntanhunu de apam apam, na atemmu fuw sɛ nkonnyabi, afuw mu akofi so.

5Hos 10.15; 4.15 Bet-awen nantwi mma nti na Samariafo besuro; na ne man di ne ho nkɔmmɔ, na n’asɔfo ho popo n’anuonyam ho, sɛ wɔatu afi wɔn mu kɔ.

6Hos 5.13 Ɛno nso wɔbɛfa akɔ Aseria de akɔkyɛ ɔhene Yareb; aniwu bɛka Efraim, na Israel ani awu n’agyinatu ho.

7Samaria de, wobetwa ne hene akyene, sɛ nsu ani ahuru.

8Hos 9.6; Luka 23.30; Adi 6.16 Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi wɔn afɔremuka so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw sɛ: Mommɛkata yɛn so! Ne nkoko sɛ: Mommɛhwe yɛn so!

9 Hos 9.9 Israel, wufi Gibea nna no so ayɛ bɔne; ɛhɔ na wogyinae; Gibea sa a wotui mmabusufo no so no anto wɔn.

10Ɛbere a mepɛ na mɛtwe wɔn aso, na wɔahyiahyia aman aba wɔn so abetua wɔn wɔn amumɔyɛ mmɔho no so ka.

11Na Efraim yɛ nantwiforo a wɔakyerɛ no na ɔpɛ awiporow, nanso mede kɔndua mɛto ne kɔn fɛfɛ no so; mɛma Efraim atwe ade, Yuda bɛfɛntɛm, Yakob bɛka asram so.

12Yer 4.3; Yes 55.6 Mungu aba mma trenee mfifi mma mo, muntwa adɔe so ade; monnɔw kwaebirentuw mfa, na adu bere a wɔde hwehwɛ AWURADE akyi kwan, kosi sɛ ɔbɛba abɛtɔ trenee su ama mo.

13 Hiob 4.8 Moafɛntɛm abɔnefosɛm, mmusu na moatwa, moadi atoro aba; na wode wo ho too wo kwan ne, wo nnɔmmarima dodow no so.

14Enti hooyɛ bɛsɔre w’aman no mu, na wɔabɛsɛe w’abandennen nyinaa, sɛnea Salman sɛee Bet-arbel, ɔko da no, wɔbɛtetew ɛna mu asinasin agu mma so.

15Ne saa na ayɛ mo Betel, mo bɔne mu bɔne no nti; ade bɛkye no na wɔayi Israel hene no hɔ kora.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help