1Eyinom akyi no, Yesu siim kɔɔ Galilea po, a ɛno ara ne Tiberia po, no agya.
2Na nkurɔfokuw kɛse dii n’akyi, efisɛ wohuu nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe wɔn a wɔyare ho no.
3Na Yesu kɔɔ bepɔw no so, na ɔne n’asuafo no kɔtenaa hɔ.
4Abodoo a efi soro
30
41Ɛnna Yudafo no nwiinwii ne ho sɛ waka sɛ: Mene abodoo a esian fii soro no,
42Yesu ne nkwa abodoo
47 Yudafo abufuw
52Ɛnna Yudafo kasakasae wɔn mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na oyi betumi de ne honam ama yɛn na yɛadi?
53Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Sɛ moanni Onipa Ba no honam na moannom ne mogya a, munni nkwa mo mu.
54Nea odi me honam na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na menyan no ɛda a edi akyiri no.
55Na me honam yɛ aduan ampa, na me mogya yɛ anonne ampa.
56Yoh 15.4; 1 Yoh 3.24 Nea odi me honam na ɔnom me mogya no tena me mu, na me nso metena no mu.
57Sɛnea Agya a ɔte ase no somaa me na Agya no nti mete ase no, saa ara nso na nea odi me honam no nso, me nti ɔbɛtena ase.
58Eyi ne abodoo a efi soro sian bae no, ɛnte sɛ nea mo agyanom dii na wowuwui no; nea odi abodoo yi bɛtena ase daa.
59Ɔrekyerɛkyerɛ Kapernaum hyiadan mu no na ɔkaa eyinom.
Asuafo bi akyirisan60Enti n’asuafo mu pii tee no, wɔkae sɛ: Asɛm yi yɛ den, hena na obetumi atie?
61Na Yesu tee nka ne mu sɛ n’asuafo renwiinwii eyi ho no, osee wɔn sɛ: Eyi to mo hintidua anaa?
62Yoh 3.13 Na afei, sɛ muhu Onipa Ba no sɛ ɔrekɔ ɔsoro, faako a ɔwɔ kan no nso ɛ?
632 Ko 3.6 Honhom ne nea ɛma nkwa, ɔhonam de, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.
64Yoh 13.11 Na mo mu binom wɔ hɔ a wonnye nni. Na Yesu nim wɔn a wonnye nni no fi mfiase ne nea obeyi no ama no.
65Yoh 6.44 Na ɔkae sɛ: Eyi nti na maka makyerɛ mo sɛ: Obiara ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ m’Agya de ama no ansa.
66Efi ɛno so no, n’asuafo mu pii san wɔn akyi, na wɔne no annantew bio.
Petro paemuka67Ɛnna Yesu see dumien no sɛ: Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa?
68Yoh 6.63 Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm;
69Yoh 1.50; 11.27; Mat 16.16 na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Nyankopɔn kronkronni no.
70Yesu buaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mapaw mo dumien yi anaa? Na mo mu biako yɛ ɔbonsam!
71Ɔde Yuda Iskariot, Simon ba; na ɔno na ɔrebeyi no ama, nso ɔyɛ dumien no mu biako.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
