1 Rom 8.34; Heb 7.25 Me mma nkumaa, merekyerɛw eyinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔkamafo bi, Agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo.
2Kol 1.20 Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.
3Na, sɛ yedi n’ahyɛde so a, ɛno ara na yɛde hu sɛ yenim no.
4Nea ɔka sɛ: Minim no, na onni n’ahyɛde so no yɛ ɔtorofo, na nokware no nni ne mu.
5Yoh 14.21; 14.23 Na obiara a odi n’asɛm so no, ampa ara, ɔno mu na Onyankopɔn dɔ no awie pɛyɛ. Eyi na yɛde hu sɛ yɛwɔ ne mu.
6Yoh 13.15 Nea ɔka sɛ ɔte ne mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnantew sɛnea ɔno nso nantewee.
Ahyɛde foforo7 Yoh 13.34 Adɔfo, ɛnyɛ ahyɛde foforo na merekyerɛw mabrɛ mo, na mmom ahyɛde dedaw a moanya fi mfiase no. Ahyɛde dedaw no ne asɛm a moate no.
8Rom 13.12 Nso merekyerɛw ahyɛde foforo mabrɛ mo a ɛyɛ nokware wɔ ɔno ne mo mu: Sɛ esum retwam, na nokware hann no anya rehyerɛn.
91 Yoh 4.20 Nea ɔka sɛ ɔwɔ hann no mu, na ɔtan ne nua no, ɔda so wɔ sum mu ara de besi sesɛɛ.
10Nea ɔdɔ ne nua no te hann no mu, na hintidua nni ne mu.
11Na nea ɔtan ne nua no te sum mu na ɔnam sum mu, na onnim nea ɔrekɔ, efisɛ esum no afura n’ani.
12Mma nkumaa, merekyerɛw mabrɛ mo,
sɛ ne din nti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.
13Agyanom, merekyerɛw mabrɛ mo
efisɛ munim nea ɔwɔ hɔ fi mfiase no.
Mmerante, merekyerɛw mabrɛ mo sɛ,
moadi ɔbɔne no so nkonim.
14 Efe 6.10 Mmofra nkumaa, merekyerɛw mabrɛ mo sɛ,
moahu Agya no.
Agyanom merekyerɛw mabrɛ mo sɛ,
efisɛ munim nea ɔwɔ hɔ fi mfiase no
Mmerante makyerɛw mabrɛ mo
mo ho yɛ den,
na Onyankopɔn asɛm no te mo mu,
na moadi ɔbɔne no so nkonim.
Wiase dɔ ne Onyankopɔn dɔ15 Yak 4.4 Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ no nni ne mu.
16Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu ahohoahoa, emfi Agya no, na mmom efi wiase.
17Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no tena hɔ daa.
Antikristo no ho kɔkɔbɔ18 Mat 24.5; 24.24 Mmofra nkumaa, ɛdɔn a edi akyiri ni. Na sɛnea moate sɛ antikristo no rebɛba no, saa na mprempren yi antikristo bebree aba nen; ɛno na yɛde hu sɛ dɔn a edi akyiri ni.
19Aso 20.30 Wofi yɛn mu na ɛkɔe de, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.
201 Yoh 2.27 Na mo de, moanya ɔsra no afi ɔkronkronni no hɔ, na mo nyinaa nim de.
21Mankyerɛw mammrɛ mo sɛnea munnim nokware no, na mmom sɛ munim, ne sɛ atoro biara mfi nokware no mu.
22Ɛhena ne ɔtorofo no sɛ nea ɔsan sɛ Yesu nyɛ Kristo no? Oyi ne antikristo a ɔpo Agya no ne ɔba no.
231 Yoh 4.15; Yoh 5.23 Obiara a ɔpo ɔba no, onni Agya no nso, na nea ɔpaem bɔ Ɔba no din no wɔ Agya no nso.
241 Yoh 2.7 Enti mo de, nea mote fii mfiase no, momma ɛntena mo mu; na sɛ nea mote fii mfiase no tena mo mu a, ɛnne mo nso mobɛtena Ɔba no ne Agya no mu.
25Na ɛbɔ a ɔde ahyɛ yɛn ne daa nkwa no.
26Nea makyerɛw mabrɛ mo yi fa wɔn a wɔdaadaa mo no ho.
271 Yoh 2.20; Yoh 16.13 Na mo de, ɔsra a munyae ne nsam no te mo mu, enti enhia mo sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; na mmom sɛnea ɔsra no ara kyerɛkyerɛ mo ade nyinaa ho no na ɛyɛ nokware na ɛnyɛ atoro. Na sɛnea akyerɛkyerɛ mo no, montena ne mu!
281 Yoh 4.17 Na afei, mma nkumaa, montena ne mu, na sɛ oyi ne ho adi a, yɛanya awerɛhyɛm, na yɛn ani anwu n’anim, ne ba mu.
Nyankopɔn mma29 1 Yoh 3.7; 3.10 Sɛ munim sɛ ɔyɛ ɔtreneeni a, anka mobehu sɛ obiara a ɔyɛ adetrenee no, ɔno na Onyankopɔn awo no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.