1Nanso Yuda a ɔno ara nso, wɔsan frɛ no Makabe no, ɔne ne mfɛfo kɔɔ nkuraase nkuraase kɔfrɛfrɛɛ wɔn kuromfo no, na wɔkyerɛwkyerɛw wɔn a wɔda so ara kura Yudafo gyidi mu no din. Wɔyɛɛ saa ara nyaa nnipa bɛyɛ mpem nsia.
2Wɔkotow srɛɛ Awurade sɛ ɔmma n’ani mmra ne nkurɔfo a nnipa nyinaa rehyɛ wɔn so no, na onnya ayamhyehye wɔ asɔrefi a ɔbrakyewfo agu ho fi no so,
3na onnya ahummɔbɔ mma ahenkurow a wɔresɛe no na wɔredwiriw no agu fam kodwoo no ho, na ontie nnipa a wɔresu afrɛ no no nne.
4Na ɔnkae mmofraa a wokum wɔn kwa a mmara mmma ho kwan mu, ne nsɛnhunu a wɔkeka wɔ ne din ho, na ɔnkyerɛ sɛ okyi bɔne.
5Makabe hyehyɛɛ n’asraafo no ara pɛ, amanaman mufo no, antumi annyina n’anim, esiane sɛ Awurade n’abufuhyew no adan mmɔborohunu.
6Ɔreba a ɔmmɔ nkae, na ɔtoto nkurow ne nkuraase mu gya. Ogyigyee mmeaemmeae a ɛho hia no fii atamfo nsam na ɔko pam atamfo pii.
7Ohuu sɛ anadwo ye papaapa ma saa ntoabɔ no. Na ne din hyetae baabiara.
8Bere a Filipo huu sɛ Makabe redi nkonim nkakrankakra reba, na ɔredi nkonim atoatoaso ba no, ɔkyerɛw Polemi a ɔyɛ amrado wɔ Koelesiria ne Foenike no kɔsrɛɛ no hɔ mmoa maa ɔhene no.
9Na ntɛm ara Polemi tuu, Patroki ne ne ba Nikanor a ɔyɛ ɔhene no, ne nnamfo atitiriw no mu baako, sɛ ɔsahene nni amanaman mufo asraafo no anim na wonkokunkum Yudafo no nyinaa mfi asase so. Ɔde Gorgia, a ɔyɛ ɔsahene, na onim akodi no kaa ne ho.
10Nikanor sii ne bo sɛ ɔnam eyi so bɛtontɔn Yudafo no sɛ nkoa de atua ɔhene ka, talente mpennu, a ɔde Romafo no.
11Ntɛm ara ɔsoma kɔɔ nkuropɔn a ɛdeda mpoano no mu, see wɔn sɛ: Wonsiesie wɔn ho mɛtotɔ Yudafo no sɛ nkoa. Ɔde Yudafo aduɔkron biara bɛgye talent baako, nso na ne werɛ afi koraa sɛ Otumfo atemmu reba no so.
Yuda te Nikanor pɔwbɔ no(1 Makabe 3.42-54)12Yuda tee Nikanor pɔwbɔ a ɛfa ne ntoabɔ no ho na ɔka kyerɛɛ n'asraafo no,
13wɔn a wonni akokoduru ne Onyankopɔn mu gyidi no, guan fii hɔ kɔe.
14Afoforo nso tontɔn wɔn agyapade nkae no nyinaa, na bere koro no mu ara nso wɔkoto srɛɛ Awurade sɛ ɔmmɔ wɔn a, Nikanor a onsuro Nyame no, atontɔn wɔn no no ho ban, ansa na wɔahyia no.
15Na anyɛ saa a, wɔn ara nti, ne apam a ɛda wɔn ne wɔn nenanom ntam nti, na wɔnam ne din kronkron ne anuonyam so afrɛ wɔn.
16Nanso Makabe kaa n'asraafo no boaa ano, wɔn dodow yɛ mpem asia, na ɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ, mma wonnsuro atamfo no, na mma wonnsuro amanaman mufo asraafo dodow a wɔde atirimmɔden reba wɔn so no; mmom wɔnko mmarima so,
17wɔmfa wɔn aniwa nto mmarato ne awurukade a amanaman mufo no ayɛ atia beae kronkron no, ne amumɔyɛde ne nsopa a wɔde aka kurow no. Ɛno da nkyɛn a, wɔasɛe yɛn nananom tete amanne no na wɔabɔ agu.
18Ɔkae sɛ: Wɔn ani da wɔn akode ne wɔn mmaninyɛ so. Nanso yɛn de, yɛn anidaso wɔ Otumfo Nyankopɔn, a otumi sɛ osi ne ti ase prɛko pɛ, na wɔn a wɔreba yɛn so no ne wiase nyinaa mpo adi nkogu no so.
19Akyi no, ɔkaa wɔn mmere bi a wɔn nananom nyaa mmoa; ɛyɛ Senakerib bere so a nnipa mpem ɔha aduɔwɔtwe anum wuwui,
20ne bere a wɔne Galatifo koe wɔ Babel, na Yudafo a wɔn dodow nyinaa yɛ mpem awotwe wɔne Makedoniafo mpem anan boom tuu sa; na bere a Makedoniafo dii amia no, nnipa mpem awotwe no nam mmoa a efi soro bae no so, kunkum nnipa mpem ɔha aduonu, na wonyaa asade pii.
Yuda di Nikanor so nkonim(1 Makabe 3.55—4.27)21Ɔde saa nsɛm yi hyɛɛ wɔn nkuran pa ara, na ɔma wɔyɛɛ ahoboa sɛ wobewu ama wɔn mmara ne wɔn man. Afei ɔkyɛɛ n’asraafo no mu akuw anan.
22Ɔpaw ne nuanom: Simon, Yosef ne Yonatan, sɛ obiara nhwɛ kuw biako so. Ɔde nnipa mpem ahanum hyɛɛ obiako biara nsa.
231 Mak 3.48 Ɛno akyi no ɔpaw Eleaser sɛ ɔnteɛɛm nkenkan nhoma kronkron no, na ɔmaa wɔn nsɛm a wɔmfa nwɛn wɔn ho: Onyame mmoa. Na ɔno ankasa daa kuw a edi kan no ano, na ɔne Nikanor kɔbɔɔ anim.
24Otumfo no ka wɔn asraafo no ho nti, wokunkum atamfo no bɛboro mpem akron, na Nikanor asraafo no mu dodow ara nso, pirapirae, na wɔyɛɛ mmerɛw na wɔhyɛɛ wɔn so ma woguanee.
25Wɔgyee wɔn a aba hɔ sɛ wɔrebɛtɔ wɔn sɛ nkoa no nsam sika. Wɔtaa wɔn kɔɔ anim ara yiye no, wɔsan wɔn akyi esiane sɛ na ade resa.
26Na ɛyɛ da a edi homeda anim kan nti wɔankɔ so antiw wɔn.
27Bere a wɔgyee atamfo no nsam akode boaa ano na wɔgyee wɔn nsam asade no, wodii homeda no, de anuonyam ne aseda kɛse maa Awurade, ɔno a otwitwa gyee wɔn saa da no, na ɔde afi ase akyerɛ wɔn n’ahummɔbɔ no.
28Wodii homeda no wiei no, wɔde asade no bi maa wɔn a wɔapirapira no, akunafo ne nnyanka, na wɔkyɛɛ nkae no maa wɔn ho wɔn ho ne wɔn mma.
29Wɔyɛɛ eyi wiei no, wɔboom de nkotosrɛ kɔɔ Awurade mmɔborohunufo no anim sɛ ɔmfa n'ahumɔbɔ so nka ne nkoa mfam ne ho bio.
Yuda di Timoteo ne Bakide so nkonim30Wɔne Timoteo ne Bakide asraafo de kɔbɔɔ anim no, wokunkum wɔn mu nnipa bɛboro mpem aduonu, na wɔgyigyee mpasua a ɛho hia pa ara no, na wɔkyɛɛ asade pii mu memaa wɔn a apirapira, ne nyisaa ne akunafo. Wɔde bi nso momaa nkwakoraa ne mmerewa na wɔkyɛɛ nkae no nyinaa pɛpɛɛpɛ fae.
31Wogyee atamfo no akode nyinaa boaboaa ano, na wɔde kosiee yiye papaapa wɔ beae bi a ɛho hia, na wɔsoaa nkae no kɔɔ Yerusalem.
32Wokum Timoteo dɔm no so sahene no, ɔyɛ otirimmɔdenfo papa, a wahaw Yudafo no pii.
33Bere a wɔredi nkonimdi yi ho ahurusi wɔ wɔn agyanom kuropɔn no mu no, wɔhyew wɔn a wɔtoo apon kronkron no mu gya no, Kalistene ne binom nso a wɔaguan akohintaw ofi ketewa bi mu no; nti saa nkurɔfo yi nyaa wɔn atirimmɔden ho akatua sɛnea ɛsɛ.
34Nikanor a wɔabɔ no so bo mprɛnsa no, ɔno a ɔde aguadifo apem aba sɛ wɔrebɛtotɔ Yudafo no,
35Awurade adom, wɔn a wɔne no nka, na obuu wɔn sɛ wɔnsɛ hwee no, brɛɛ no ase. Wɔfaa n’atade fɛfɛ no, na ne nkutoo siim sɛ akoa a ɔreguan atwa ɔman no mu, kosii sɛ oduu Antiokia. Saa bere no na n'asraafo dɔm no nyinaa asa.
38Enti na onipa a ɔgye too ne ho so sɛ, ɔbɛkyere nnipa a wɔwɔ Yerusalem atɔn wɔn, akotua tow ama Romafo no, ɔno ara ka too gua sɛ Yudafo no wɔ Ogyefo, na ne saa nti ɛnyɛ nea atamfo fa wɔn so, esiane sɛ wodi ne mmara a wahyehyɛ ato hɔ no so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.