1 Yoel 3.18; Sak 14.8; Adi 22.1 Ɛnna ɔde me san baa asɔredan no pon ano, na hwɛ, nsu fi asɔredan no apongua no ase resen kɔ apuei fam, (na ɔdan no anim kyerɛ apuei), na nsu no resian wɔ ase, ofi no anafo so, afɔremuka no anafo fam.
2Na ɔde me nam atifi fam ponkɛse no kwan so fii adi, na ɔde me faa mfikyikwan no so kɔntɔn baa anim ponkɛse a ɛkyerɛ apuei no kwan so, na hwɛ, nsu fi anafo resen.
3 Hes 40.3 Ɔbarima no fi kɔɔ apuei no, na susuhama kura ne nsam, na osusuw basafa ahanum, na ɔde me twaa nsu no, nsu a ɛka nansabon;
4na osusuw apem, na ɔde me twaa nsu no, nsu a ɛka nankoroma; na osusuw ahanum, na ɔde me twae, nsu a ɛka asen;
5na osusuw apem, na ɛyɛ asu a mantumi mantwa, efisɛ nsu no mu dɔ ayɛ sɛ nsu a wɔboro, asu a wontumi ntwa.
6Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so woahu?
Na ɔde me nam asu no ano san bae,
7na mesan mebae, na hwɛ, nnua bebree pa wɔ asu no ano, ha ne ha.
8Gye 14.3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsu yi fi sen kɔ apuei fam dantaban no mu na esian kɔ tataw no so, na ɛkɔ po mu; ɛpo mu na nsu a efi sen yi kɔ, na asa nsu no yare.
9Na ɔkra teasefo biara a ɛka ne ho baabiara a asu a ɛboro so yi bɛkɔ hɔ no benya nkwa na emu nam bɛdɔɔso bebree pa, efisɛ nsu yi bɛkɔ hɔ, na wɔasa po no nsu yare, na ade nyinaa anya nkwa, nea asu no kɔ.
10Na apofofo begyina so, efi En-gedi kosi En-eglaim bɛyɛ asawu hatabea; emu mpataa bɛyɛ ahorow, sɛ ɛpo kɛse mu nam bebree pa.
11Ɛho dontori ne atɛkyɛ de, wɔrensa, wɔde bɛma ayɛ nkyene.
12Adi 22.2 Na asu no kɔn so ha ne ha na nnua a wodi ahorow nyinaa befifi; n’ahaban rempo, na n’aba rensa, ɛbɛsosow n’asram so, efisɛ ne nsu no, kronkronbea na efi sen; na n’aba bɛyɛ aduan, na n’ahaban ayɛ aduru.
Asase no ahye13 Gye 48.5; Yos 17.17 Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Eyi ne ɔhye a mode bɛkyɛ asase no ama Israel mmusuakuw dumien no adi so; Yosef de nyɛ ahama abien;
14na monkyɛ nni so mma obiara de nyɛ sɛ ne nua de, efisɛ ɛho na maka ntam sɛ mede mɛma mo agyanom no; na asase yi bɛda hɔ ama mo na moadi so.
15 Num 34.2-12 Na asase no hye ni: Ano a ɛda atifi fam: Efi ɛpo kɛse no ano fa Hetlon kwan a wɔrekɔ Sedad no so,
16Hamat, Berota, Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hye ntam no), Haser-hatikon a ɛda Hauran hye ho no;
17na ɔhye no fi ɛpo no ano kɔ Hasar-enon, Damasko hye so, na atifi fam de, ɔhye a ɛda atifi fam ne Hamat; na ɛne ano a edi atifi fam no.
18Na ɔhye a ɛda apuei fam ne Yordan a ɛwɔ Hauran ne Damasko ne Gilead ɛne Israel asase ntam no, munsusuw mfi ɔhye no so nkɔ apuei po no ano; na ɛne ɔhye a edi apuei fam no.
19 Num 20.13; 34.5 Na ɔhye a ɛda nifa fam kyerɛ nifa no: Efi Tamar kɔ ɔham nsu a ɛwɔ Kades nam Misraim Subon no ano kodu ɛpo kɛse no ano; na ɛne ɔhye a ɛkyerɛ nifa, nifa fam no.
20Na ɔhye a ɛda atɔe fam ne ɛpo kɛse no fi ɔhye no ano ara kosi Hamat ntentenso; ɛne ɔhye a edi atɔe no.
21Na monkyɛ asase yi mu mfa, sɛ Israel mmusuakuw no te.
22Eks 22.21 Na ntonto so na monkyɛ asase no mfa nni so, mo ne ananafo a wɔabɛsoɛ mo mu ahɔho a mo mu wɔawowo mma no, na wɔnyɛ mo sɛ wɔn a wɔwoo wɔn Israel mma mu, wɔne mo mmɔ agyapade so ntonto, Israel mmusuakuw no mu;
23na abusuakuw ko a ɔnanani bi abɛsoɛ mu hɔho no, ɛhɔ ara na momma no n’agyapade, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.