2 Ahene 20 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Hesekia yare ne n’ayaresa(Yesaia 38.1-8, 21-22; 2 Berɛsosɛm 32.24-26)

1 Yes 38.1-21; 2 Be 34.24-33 Nna no mu no, Hesekia yaree owuyare. Na Amos ba odiyifo Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hyɛ wo fi samansew, na worebewu na worennya nkwa.

2Ɛnna ɔdan n’ani kyerɛɛ ɔfasu, na ɔbɔɔ AWURADE mpae sɛ:

3Ao, AWURADE, kae sɛnea manantew w’anim nokware ne koma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ nea eye w’ani so. Na Hesekia suu osu kɛse.

4Na Yesaia nnya mfii mfinimfini abangua no mu no, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ:

5San kɔka kyerɛ Hesekia, me man so hwɛfo no, sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn se ni: Mate wo mpaebɔ, mahu wo nusu, hwɛ, me na mɛsa wo yare. Da a ɛto so abiɛsa no wobɛforo akɔ AWURADE fi.

62 Ah 19.34 Na mede mfirihyia dunum mɛto wo nna so, na megye wo ne kurow yi afi Asaria hene nsam, na mabɔ kurow yi ho ban, me ara ne m’akoa Dawid nti.

7Na Yesaia se: Momfa borɔdɔma tɔw mmra. Na wɔde ba bɛtaree pɔmpɔ no so, na onyaa nkwa.

8Na Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Dɛn ne sɛnkyerɛnne sɛ AWURADE bɛsa me yare, na da a ɛto so abiɛsa no mɛkɔ AWURADE fi?

9Na Yesaia se: Eyi nyɛ wo AWURADE nsam sɛnkyerɛnne sɛ AWURADE bɛyɛ ade a waka no: Sunsuma no nkɔ anim ntrapoe du anaasɛ ɛnsan n’akyi ntrapoe du?

10Na Hesekia se: Ɛyɛ hare ma sunsuma sɛ esian ntrapoe du, dabi, na ma sunsuma no nsan n’akyi ntrapoe du.

11Ɛnna odiyifo Yesaia frɛɛ AWURADE, na ɔmaa sunsuma no san n’akyi ntrapoe du, Ahas owia dɔn so ntrapoe a asian dedaw no so.

Hesekia ahokyerɛ

12Ɛbere no mu no, Babel hene Baladan ba Merodak-baladan somae ma wɔde nhoma ne ayɛyɛde brɛɛ Hesekia, efisɛ ɔtee sɛ Hesekia yaree.

13Na Hesekia gyee wɔn, na ɔkyerɛɛ wɔn n’akorade dan nyinaa, dwetɛ ne sika ne nnuhuam ne ngo pa ne n’akode dan nyinaa ne nea wohu n’akorade mu nyinaa. Biribi nni ne fi ne nea odi so nyinaa mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.

14Ɛnna odiyifo Yesaia baa ɔhene Hesekia nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Nnipa yi se dɛn, na ɛhe na wofi baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wofi akyirikyiri asase bi so na ɛbae, wofi Babel.

15Na ɔkae sɛ: Dɛn na wɔahu wo fi? Na Hesekia buae sɛ: Nea ɛwɔ me fi nyinaa, wɔahu; biribi nni m’akorade mu a mamfa mankyerɛ wɔn.

16Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: Tie AWURADE asɛm:

172 Ah 24.13-14 Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa nea ɛwɔ wo fi nyinaa ne nea w’agyanom akora de abedu nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ose.

18Dan 1.3-4 Na wo mma a wobefi wo mu a wobɛwo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu apiafo.

191 Sa 3.18 Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no ye. Na ɔkae sɛ: So ɛnyɛ sɛ asomdwoe ne nokware na ɛbɛba me bere so?

20Na Hesekia ho nsɛm nkae ne ne mmaninne nyinaa ne sɛnea ɔyɛɛ ɔtare ne suka na ɔde nsu no baa kurow no mu no, wɔakyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu.

21Na Hesekia wui, na ne ba Manase bedii n’ade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help