1 Ahene 13 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Odiyifo bi a ɔkasa tia Betel

1Na hwɛ, Onyankopɔn nipa bi fi Yuda nam AWURADE asɛm so baa Betel, na Yeroboam gyina afɔremuka no ho rebɛhyew aduhuam.

22 Ah 23.16 Na ɔnam AWURADE asɛm so teɛɛm hyɛɛ afɔremuka no sɛ: Afɔremuka, afɔremuka, sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, wɔbɛwo ɔba ama Dawid fi a ne din de Yosia, na wo so na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfo a wɔhyew wo so aduhuam no bɛbɔ afɔre, na wahyew nnipa nnompe wɔ wo so.

3Na ɔmaa sɛnkyerɛnne da no ara sɛ: Eyi ne sɛnkyerɛnne sɛ AWURADE na aka, hwɛ, afɔremuka no bɛpae, na nso a ɛwɔ so no ahwie agu.

4Na ɔhene tee Onyankopɔn nipa no asɛm a ɔteɛɛm hyɛɛ afɔremuka a ɛwɔ Betel no, Yeroboam teɛɛ ne nsa fii afɔremuka no so kae sɛ: Monkyere no. Na ne nsa a ɔteɛe no so no senee kyenkyenenn, na wantumi anka anto ne ho.

5Na afɔremuka no paee, na nso no fii afɔremuka no so gui sɛ sɛnkyerɛnne a Onyankopɔn nipa no de AWURADE asɛm kae no te no.

6Eks 8.8, 12 Ɛnna ɔhene bua ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no sɛ: Afei pa AWURADE wo Nyankopɔn kyɛw na srɛ ma me, na me nsa yi nyɛ yiye mma me! Na Onyankopɔn nipa no paa AWURADE kyɛw, na ɔhene nsa no yɛɛ yiye maa no, na ɛyɛe sɛ kan no.

7Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no sɛ: Wo ne me nkɔ ofie, na kodwudwo wo ho, na mɛkyɛ wo ade.

8Num 22.18 Na Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Sɛ wode wo fi fa bɛma me po a, me ne wo renkɔ, na merennidi na merennom wɔ ha,

9efisɛ wɔde AWURADE asɛm hyɛɛ me sɛ: Nnidi na nnom, na nsan mfa ɔkwan a wonam so kɔe no so.

10Na ɔfaa ɔkwan foforo so, na wansan amfa ɔkwan a ɔnam so kɔɔ Betel no so.

11Nso odiyifo akwakoraa bi te Betel; na ne ba kɔbɔɔ no nea Onyankopɔn nipa no bɛyɛe Betel da no nyinaa; nsɛm a ɔka kyerɛɛ ɔhene no nso, wɔkɔka kyerɛɛ wɔn agya.

12Na wɔn agya no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔkwan bɛn so na ɔfae? Na ne mma no huu ɔkwan a Onyankopɔn nipa a ofi Yuda bae no faa so.

13Na ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: Monhyehyɛ afurum no mma me! Na wɔhyehyɛɛ afurum no maa no, na ɔtenaa no so,

14na osiim tiw Onyankopɔn nipa no, na ɔkɔtoo no sɛ ɔte odupɔn kɛse bi ase. Na obisaa no sɛ: Wone Onyankopɔn nipa a ofi Yuda bae no? Na obuae sɛ: Mene no.

15Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛnkɔ ofie na kodidi.

16Na ose: Merentumi ne wo nsan na me ne wo renkɔ, nso me ne wo rennidi nnom wɔ ha, efisɛ wɔde AWURADE asɛm hyɛɛ me sɛ:

171 Ah 13.9 Nnidi na nnom wɔ hɔ, nso nsan mfa ɔkwan a wonam so kɔe no so.

18Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nso meyɛ odiyifo sɛ wo, na ɔbɔfo bi de AWURADE asɛm aka akyerɛ me sɛ: Kɔsan no na ɔne wo mmra wo fi, na ommedidi na ɔnnom. Nanso atoro na odi kyerɛɛ no.

19Ɛnna ɔne no sanee, na okodidii ne fi, na ɔnom nsu.

20Na wɔte pon ho no, AWURADE asɛm baa odiyifo a ɔkɔsan no bae no nkyɛn,

21na ɔteɛɛm kyerɛɛ Onyankopɔn nipa a ofi Yuda bae no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Sɛ woatew AWURADE anom asɛm ho atua na woanni mmara asɛm a AWURADE wo Nyankopɔn hyɛɛ wo no so,

22na woasan abedidi na woanom nsu faako a wɔka kyerɛɛ wo sɛ: Nnidi na nnom nsu, no nti, wo funu renkɔ w’agyanom da mu.

23Na odidii na ɔnom nsu wiei no, ɔhyehyɛɛ afurum no maa odiyifo a ɔkɔsan no bae no.

241 Ah 20.36 Na ɔrekɔ no, gyata behyiaa no ɔkwan no mu, na okum no, na ne funu no daa ɔkwan no mu, na afurum no gyina nkyɛn, na gyata no nso gyina funu no ho.

25Na hwɛ, nnipa retwam, na wohuu funu a ɛda ɔkwan no mu ne gyata a ogyina funu no ho no. Na wɔkɔe kɔkae kurow a odiyifo akwakoraa no te mu no mu.

26Na odiyifo a ɔkɔsan no fii ɔkwan no so no tee no, ɔkae sɛ: Onyankopɔn nipa a ɔtew AWURADE anom asɛm ho atua no ne no, na AWURADE de no ama gyata no ma watetew no akum no, sɛ AWURADE asɛm a ɔka kyerɛɛ no no te no.

27Na ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Monhyehyɛ afurum no mma me. Na wɔhyehyɛɛ no.

28Na ɔkɔe kohuu funu no sɛ ɛda ɔkwan no mu, na afurum no ne gyata no gyinagyina funu no ho; gyata no nnii funu no, na ɔntetew afurum no nso ɛ.

29Na odiyifo no maa Onyankopɔn nipa no funu no so de too afurum no so de no sanee, na odiyifo akwakoraa no de no kɔɔ ne kurow mu, sɛ okogyam no na wasie no.

30Yer 22.18 Na ɔde ne funu no too ne da mu, na wogyam no sɛ: Due, me nua!

31Na owiee no sie no, ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Sɛ miwu a, munsie me ɔda a wɔasie Onyankopɔn nipa no wom no mu, momfa me nnompe ngu ne nnompe ho.

32Na asɛm a ɔnam AWURADE asɛm so teɛɛm hyɛɛ afɔremuka a ɛwɔ Betel no ne sorɔnsorɔmmea afi a ɛwɔ Samaria nkurow mu no nyinaa, ɛbɛba mu ampa.

33 1 Ah 12.31; Eks 28.41 Asɛm yi akyi no Yeroboam ansan amfi ne kwammɔne so, na ɔsan faa ɔman no mu baabiara nnipa sisii sorɔnsorɔmmea asɔfo; obiara a ɔpɛ no, ɔde asɔfodi hyɛ ne nsa ma wɔyɛ sorɔnsorɔmmea asɔfo no bi.

341 Ah 12.30 Na asɛm yi dan Yeroboam fi bɔne a ɛma wɔdwerɛw wɔn na wɔsɛee wɔn fii asase ani.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help