Hiob 32 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Elihu asɛnka a edi kan. Ɔkyerɛ nea enti a ɔkasa

1Ɛnna mmarima baasa yi gyaee Hiob bua, efisɛ ɔyɛ n’ani so treneeni.

2Gye 22.21; Hiob 9.20; 13.18; 19.6-7; 27.2, 6; 31.35 Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba a ofi Ram abusua mu bo fuwii Hiob, sɛ obu ne ho treneeni sen Nyankopɔn.

3Hiob 15.5; 18.21; 20.29; 22.5 Na ne bo fuw ne mfɛfo baasa no nso, sɛ wonnya mmuae bi bio, nanso wobuu Hiob fɔ.

4Na Elihu twɛn maa Hiob ne ne mfɛfo no kasae ansa, efisɛ wɔsen no panyin.

5Na Elihu hui sɛ mmuae bi nni mmarima baasa no anom bio no, ne bo fuwii.

6Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba buae sɛ:

Me de, meyɛ abofra,

na mo de, moyɛ nkwakoraa,

enti na metɔɔ me bo ase,

na misuroe sɛ mɛka nea minim makyerɛ mo.

7 Hiob 12.12 Mekae sɛ: Wɔmma onyinkyɛ nkasa,

Yiw na mfe dodow nkyerɛ nyansa.

8Ampa, honhom a ɛwɔ ɔdesani mu

ne Otumfo ahome na ɛma no nhumu.

9Ɛnyɛ wɔn a wɔanyin pii na wonim nyansa,

na ɛnyɛ mpanyin na wohu atemmu mu.

10Enti na mise: Muntie me;

me nso mɛkyerɛ nea minim.

11Hwɛ, matwɛn ama mo akasa awie,

mayɛ aso mama mo nhumusɛm,

sɛ mobɛhwehwɛ anya nsɛm.

12Na mewɛn m’aso sɛ meretie mo,

na hwɛ, obi nni mo mu a ɔkaa nea ɛtɔ Hiob asom,

na otumi buaa ne nsɛm no.

13Na monnka sɛ: Yɛahu nyansa;

Onyankopɔn na ɔmmɔ no ngu, na ɛnyɛ onipa.

14Efisɛ ɛnyɛ me na ɔkaa ne nsɛm no kyerɛɛ me,

na me nso, meremfa mo nsɛm no mimmua no.

15Wɔn abam abu, wɔremmua bio,

na wɔn anom nsɛm nso asa.

16Na sɛ wɔnkasa bio, na wogyina hɔ,

na wommua bio nti, mentwɛn anaa?

17Me nso mebua me fam de,

me nso, mɛkyerɛ nea minim.

18Na nsɛm ahyɛ me ma,

na honhom a ɛwɔ me mu no hyɛ me.

19Hwɛ, me yam te sɛ nsa a wontuu ano,

sɛ nsa kotoku foforo a ɛrepɛ apae.

20Mɛkasa, na manya ahomeye;

mebue m’ano, na mabua.

21Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ obi anim,

na madɛfɛdɛfɛ m’ano mama onipa,

22na minnim m’ano adɛfɛdɛfɛ,

anka ebia ɛbɛka ketewaa sɛɛ,

na me yɛfo afa me akɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help