Nnwom 113 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn dom ahobrɛasefo

1Munyi AWURADE ayɛ!

Mo AWURADE nkoa, munyi no ayɛ,

munyi AWURADE din ayɛ.

2Nhyira nka AWURADE din mfi nnɛ nkosi daa.

3Efi owiapuei kɔpem n’atɔe, AWURADE din sɛ ayeyi.

4Wɔama AWURADE so amanaman nyinaa so,

n’anuonyam tra ɔsoro.

5 Eks 15.11; Yes 57.15 Hena na ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn

a ne tenabea wɔ soro,

6 Luka 1.48 na ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam,

ɔsoro ne asase so?

7 Gye 41.40-41; 1 Sa 2.8 Ɔma ohiani so fi mfutuma mu,

na ɔma mmɔboroni so fi sumina so,

8sɛ ɔde wɔn bɛtena mmapɔmma nkyɛn,

ne man mu mmapɔmma.

9 Gye 21.2; 1 Sa 1.20; 2.21; Luka 1.57-58 Ɔma ɔbaabonin nya ofi tena mu,

na ɔyɛ ɔbaatan a n’ani gye.

Munyi AWURADE ayɛ!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help