Hosea 4 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Woyi asɔfo ne ɔman no ntɛn

1Muntie AWURADE asɛm, Israel mma,

na AWURADE ne asase no sofo anya ɔham;

na nokware ne adɔe ne Onyankopɔn ho

nimdeɛ bi nni asase so.

2Ntanka ne nkontompo ne awudi

ne awi ne awaresɛe na ɛwɔ hɔ;

wodi akakabensɛm

na mogyahwiegu toa mogyahwiegu so.

3Enti asase no di nkɔmmɔ,

na ɛsotefo nyinaa anyinnyam,

wuram mmoadoma ne wim nnomaa;

na ɛpo mu mpataa po reyɛ asa.

4 Deut 17.12 Nanso mma obi nnham

na obi nnka anim,

efisɛ wo man te sɛ wɔn a wɔne ɔsɔfo ham.

5Enti wubehintiw awia,

na odiyifo nso ne wo behintiw anadwo,

na metwa wo nna akyene.

6Nimdeɛ a me man nni nti, wobetwa wɔn agu;

na wo nso, wopoo nimdeɛ nti,

mɛpo wo sɛ: Nni me sɔfo;

na wo werɛ afi wo Nyankopɔn mmara nti,

me nso, me werɛ befi wo mma.

7 Flp 3.19 Wɔkɔ so dɔ no,

wɔkɔ so yɛ me bɔne;

wɔn anuonyam no,

mɛdan no ahohora.

8 Lew 6.26 Me man bɔne no ne wɔn aduan,

na wɔn amumɔyɛ yɛ wɔn kra akɔnnɔ.

9Na wɔbɛyɛ ɔman no sɛ wɔbɛyɛ ɔsɔfo no,

na mɛba mabɛtwe wɔn aso wɔn bɔne ho,

na mama wɔn nneyɛe asan abebua wɔn atifi;

10wobedidi, na wɔremmee;

wɔbɛbɔ aguaman na wɔn ase remfɛe,

efisɛ wɔagyaw obu a anka ɛsɛ sɛ wobu AWURADE no.

Israel aguamammɔ

11Aguamammɔ ne nsa

ne mmorosa sɛe ntease.

12 Yer 2.27; Hos 5.4 Me man bisa dua hɔ ade,

na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn,

efisɛ aguamammɔ honhom adaadaa wɔn,

na wɔafi wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ aguaman.

13 Hes 6.13 Mmepɔw atifi na wɔbobɔ afɔre,

na wɔhyew aduhuam nkoko so,

odum ne duafufu ne odupɔn ase,

efisɛ ne nwini ye.

Enti mo mmabea bɔ aguaman,

na mo sewnom sɛe aware.

14Merentwe mo mmabea aso aguamammɔ ho,

ne mo nsewnom, awaresɛe ho,

efisɛ mmarima no nso ne mmea nguaman man,

na wɔne mmosomfenaa bɔ afɔre;

na ɔman a wonni nhumu no bɛbɔ.

Wɔbɔ Yuda kɔkɔ

15 Hos 10.5; Amos 5.5 Ɛwom sɛ wo, Israel, wobɔ aguaman de,

nanso mma Yuda nnni so.

Na momman nnkɔ Gilgal,

na mommforo mmma Bet-awen,

na monnkeka ntam sɛ:

Sɛ AWURADE te ase yi.

16Na Israel aso asorow sɛ nantwi buruwa aso;

afei AWURADE bɛyɛn wɔn sɛ oguammaa,

asase haharaa so.

17Efraim akɔdɔm abosom adum;

gyaa no.

18Sɛ wɔn asanom atra so a;

aguaman na wɔbɔ,

ɔpɛ na emu atitiriw pɛ ahohora.

19Mframa akyere no ne ntaban mu,

na wɔn ani bewuwu wɔn afɔrebɔ ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help