Nnwom 74 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Asafo no amanehunu mu sufrɛAsaf nnwenho dwom

1Onyankopɔn, adɛn nti na woasum yɛn agu koraa,

na w’abufuw rehyew w’adidibea nguan?

2 Nnw 132.13 Kae w’asafo a wotɔɔ wɔn teteete,

na wugyee wɔn sɛ w’agyapade mantam no,

Sion bepɔw a wobɛtenaa so no.

3Ma w’anan so bɛhwɛ daa amamfo no,

ɔtamfo asɛe kronkron mu hɔ ade nyinaa.

4W’atamfo teɛteɛm w’ahyiae mu,

wɔasi wɔn nsɛnkyerɛnne de ayɛ nsɛnkyerɛnne.

5Ɛyɛe sɛ wɔma mmonnua so kɔ soro rebetwa kwae mu nnupa,

6na afei ɛho nnwinne nyinaa,

wɔde akuma ne asae abubu.

7 2 Ah 25.9 Wɔde ogya ato wo kronkron mu hɔ,

wɔagu nea wo din tenae no ho fi.

8 Nnw 83.12 Wɔkae wɔn komam sɛ:

Momma yemmia wɔn nkɔ fam prɛko.

Wɔahyehyew Onyankopɔn ahyiae nyinaa, asase yi so.

9Yenhu yɛn nsɛnkyerɛnne,

odiyifo bi nni hɔ bio,

na yɛn mu biara nnim da ko a ɛbɛkɔ akosi.

10Onyankopɔn, ɔhohiafo nka ahohorasɛm nkosi da bɛn?

Ɔtamfo ngu wo din ho fi daa anaa?

11Adɛn nti na wotwe wo nsa, wo nsa nifa?

Yi fi wo kokom na sɛe wɔn!

12Nanso Onyankopɔn ne me hene fi teteete,

ɔyɛ ogye adwuma asase so.

13 Eks 14.21; 15.8-10 Wo na wode w’ahoɔden paee po mu,

wobobɔɔ nsu atweaseɛ ti, nsu no ani.

14Wopɛtɛw bonsu ti,

wode wɔn yɛɛ sare sofo aduan.

15 Nnw 104.10 Wo na wuyii nsu aniwa ne asubɔnten,

womaa asukɛse a ɛsen daa yowee.

16 Nnw 104.19 Adekyee yɛ wo de, anadwo nso wɔ wo,

wo na woasiesie akanea ne owia.

17Wo na woatwa asase ano nyinaa hye,

wo na woyɛɛ ahohuru ne awɔw bere.

18Kae eyi sɛ atamfo bɔɔ AWURADE ahohora,

AWURADE, na ɔman nnyennyentwi huraa wo din ho.

19Mfa w’aturukuku kra nhyɛ mmoa nsa,

mma wo werɛ mmfi wo mmɔborɔfo kra da.

20Ma w’ani mmra apam no so,

na atirimɔdensɛm tenabea ayeyɛ asase so nkokoam ma.

21Mma nea wɔhyɛ no so mmfa ahohora nnsan mmma,

ma ɔmanehunufo ne ohiani nyi wo din ayɛ.

22Onyankopɔn, sɔre, bedi wo ara w’asɛm,

kae sɛnea nkwasea bɔ wo ahohora daa adesae.

23Mma wo werɛ mmfi w’atamfo nne,

wɔn a wɔsɔre hyɛ wo no gyegyeegye a ɛkɔ soro daa yi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help