1 Yes 15; 16; Hes 25.8-11; Amos 2.1-3; Sef 2.8-11 Nea ɛfa Moab ho:
Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni:
Nebo nnue! Efisɛ asɛe.
Kiriataim ani awu, wɔagye.
Abannennen no ani awu na wɔadwiriw agu.
2Moab ayeyi bi nni hɔ bio,
wɔatu ne ho agyina bɔne, Hesbon hɔ sɛ:
Mommra mma yentwa no, na anyɛ ɔman bio.
Wo Madmen nso, woayɛ kranana,
afoa di w’akyi.
3Osu nne fi Horonaim,
ɔsɛe ne abu kɛse.
4Wɔabubu Moab,
emu mmofra nkumaa ma wɔte nteɛm.
5Na Luhit aforoee hɔ,
osu ara nko na wɔde foro;
na Horonaim asianee hɔ nso,
wɔte ɔsɛe ho adwotwa.
6 Yer 17.6 Munguanguan mma mo kra mfi mu mfi,
na monyɛ sɛ anwea pradada so dua a ɛso ayɛ pasaa.
7 1 Ah 11.7 Na esiane sɛ wode w’ani ato wo nnwuma ne w’akorade so nti,
wo nso wɔbɛfa wo so,
na Kemos, ne n’asɔfo ne n’asafohene
abom afi adi akɔ tukɔ mu.
8Na ɔsɛefo bɛba nkurow nyinaa so,
na kurow biara remfi mu mfi;
na abon bɛyera,
na asasetaw nso asɛe,
sɛnea AWURADE kae no.
9Momma Moab ntaban, na ontu nkɔ.
Na ne nkurow bɛyɛ amamfo a obiara nte mu.
10 1 Sa 15.3; 9.11 Nnome nka nea ɔyɛ AWURADE adwuma ebi ne bi, na nnome nka nea osianka n’afoa fi mogya mu.
11Moab atena ase dwoodwoo fi ne mmofraase,
na wada ne puw so,
na wonhwiee no mfii ade mu nguu ade mu ɛ,
na ɔnkɔɔ tukɔ mu da;
enti na ne dɛw aka ne mu,
na ne ho huam nsakrae ɛ.
12Enti hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛsoma atuefo aba no so a wobetue wɔn, na wɔahwiehwie nea ɛwɔ n’ade mu agu, na wɔabobɔ ne mpɔre nso.
13Na Moab ani bewu Kemos ho sɛnea Israel fi ani wui, Betel a wɔde wɔn ho too so no ho no.
14Ɛyɛ dɛn na moka sɛ: Yɛyɛ nnɔmmarima
ne akofofo a wɔfata ɔko?
15Wɔasɛe Moab, na wɔaforo akɔ ɛso nkurow mu,
na ne mmerante a wɔapaw wɔn no asian kɔ okum mu,
ɔhene a asafo AWURADE ne ne din asɛm ni.
16Moab sɛe repempɛn so ba,
na ne mmusu reyɛ ntɛmpa.
17Munnyam no, mo a motete ne ho nyinaa
ne mo a munim ne din nyinaa.
Monka sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na dua a ɛyɛ den,
poma fɛfɛ no abu yi?
18Sian fi w’anuonyam mu,
na tena osukɔm asase so,
Dibon babea a wote agua so.
Na Moab sɛefo atu reba wo so,
ɔrebɛsɛe w’aban a ɛyɛ den no.
19Kogyina ɔkwan ho na hwɛ,
Aroer mutefo,
bisa oguanfo ne nea wafi mu afi sɛ:
Dɛn na aba?
20Moab ani awu, na wɔadwiriw agu;
mommɔ abubuw na monteɛm,
monka mfa Arnon so
sɛ wɔasɛe Moab.
21Na atemmu aba asasetaw no so, aba Holon ne Yahsa ne Mefaat,
22ne Dibon ne Nebo ne Betdiblataim,
23ne Kiriataim ne Betdamul ne Betmeon,
24ne Keriot ne Bosra ne Moab asase so nkurow a ɛwɔ akyirikyiri ne nea ɛbɛn nyinaa so.
25Wɔatwa Moab abɛn, na ne basa abu, AWURADE asɛm ni.
26 Yer 25.15 Momma ɔmmow, efisɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm, na momma Moab nyantam ne fe mu, na ɔno nso nnan asereserede.
27So Israel anyɛ wo aserede? So wohuu no awifo mu na da biara a woka ne ho asɛm no wowosowosow wo ti?
28Moabfo,
munnyaw mo nkurow nkɔtena abotan so,
na monyɛ sɛ aturukuku a ɔyɛ ne buw
abodan ano nkyɛn mu.
29Yɛate Moab homan
a wahoman dodo no,
n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’ahupoo
ne ne koma soma.
30Me ara, AWURADE asɛm ni, minim n’anuɔden;
n’ahoahoa yɛ atoro
na ne nsɛnnii nso yɛ atoro.
31Enti mitwa Moab ho agyaadwo,
na mebɔ Moab nyinaa ho abubuw,
na wodi Kir-heres mmarima ho nkɔmmɔ.
32Mede Yaser su no bi misu wo,
Ao Sibma obobe;
wo nhama atra ɛpo,
akodu Yaser po ano;
wo nnuabatew ne wo bobe abatew so
na ɔsɛefo aba abegu,
33na anigye ne ahurusidi to atwa
wɔ mfuw pa a ɛwɔ Moab asase so;
matwa nsa to afi nsa-kyi-amoa mu;
wɔremfa anigye nnye so, nsakyi no mu;
wɔto gye so a, ɛnyɛ anigye so.
34Wɔma wɔn nne so fi Hesbon nteɛm no mu kosi Eleale ne Yahas, efi Soar kosi Horonaim, sɛ mfe abiɛsa nantwibere; na Nimrim nsu po adan nkyerekyerewa.
35Na metwa Moab mu, AWURADE asɛm ni, nea ɔbɔ ɔhyew afɔre sorɔnsorɔmmea ne nea ɔhyew aduhuam ma n’anyame no.
36 Yer 4.19; Yes 15.7; 16.11 Ɛno nti me koma gyigye ma Moab sɛ bɔtɔwa, na me koma gyigye sɛ atɛntɛbɛn ma Kir-heres mmarima, efisɛ ade a wɔanya a wɔde asie no ayera.
37 Yer 47.5 Na eti nyinaa apopa, na bogyesɛ nyinaa akukuw, nsa nyinaa mu ayɛ nkamaa, na atweaatam miamia asen.
38Osutue ara nko na ɛwɔ Moab adan nyinaa atifi ne ne mmorɔn so, na mabɔ Moab sɛ kuku bi a wɔmpɛ, AWURADE asɛm ni.
39Wɔadwiriw no dɛn ara, wɔbɔ abubuw dɛn ara! Moab de aniwu dan n’atiko dɛn ara, na Moab adan aserede ne ahodwiriwde ama wɔn a wɔtete ne ho nyinaa.
40 Yer 49.22 Na sɛ AWURADE se ni:
Hwɛ, ɔretu sɛ ɔkɔre,
na ɔtrɛw ne ntaban mu ba Moab so.
41Wɔafa Keriot,
na wɔagye nkurow a ɛyɛ den no,
na ɛda no, Moab nnɔmmarima koma
bɛyɛ sɛ ɔbea a ɔda awoyaw mu koma.
42Na wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio,
efisɛ wadi AWURADE so akokurokosɛm.
43Ehu ne oku ne hentia da wo da,
wo a wote Moab no,
AWURADE asɛm ni.
44 Yes 24.17-18 Nea oguan fi ehu ano no
kɔtɔ oku mu,
na nea waforo afi oku mu no,
wɔde hentia beyi no,
na mede Moab asotwe afe mɛba wɔn so,
AWURADE asɛm ni.
45 Num 21.28-29 Hesbon nwini mu
na aguanfo a ahoɔden abɔ wɔn gyinagyinae,
na ogya afi Hesbon,
na ogyaframa afi Sihon mu,
na abɛhyew Moab mpampam
ne hooyɛ mma no abogye.
46Moab, due!
Kemos man ayera,
na wɔafa wo mmabanin nnommum,
na wo mmabea kɔ nnommumfa mu.
47Nso mede Moab nnommum mɛsan aba,
nna a edi akyiri no mu, AWURADE asɛm ni.
Nea Moab atemmu no aso ne ha.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.