Asomafo 23 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1 Wɔpam Paulo tiri so

12Na ade kyee no, Yudafo no mu binom pam kekaa wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, nanso wɔrennom, gye sɛ wɔakum Paulo ansa.

13Na wɔn a wɔbɔɔ mu pam ne tiri so no bɛboro aduanan;

14na wɔbaa asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no nkyɛn bɛkae sɛ: Yɛakeka yɛn ho ntam sɛ hwee renka yɛn ano, gye sɛ yɛakum Paulo ansa.

15Enti afei mo ne baguafo nkɔbɔ din nkyerɛ ɔsafohene no, na ɔmfa no mmrɛ mo, sɛnea morebebisa ne ho asɛm no mu yiye; na yɛn de, ansa na obedu ha no, yebekum no.

16Na Paulo wɔfase tee wɔn tɛw no, ɔkɔe kɔhyɛn aban no mu koyii Paulo asotiri.

17Na Paulo frɛɛ ɔha so mpanyin no mu biako kae sɛ: Fa aberante yi kɔ ɔsafohene nkyɛn; na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.

18Ɛnna ɔfaa no de no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kae sɛ: Ɔdeduani Paulo frɛɛ me srɛɛ me sɛ memfa aberante yi memmra wo nkyɛn, na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.

19Na ɔsafohene no soo ne nsa, na ɔne no kɔɔ fa baabi, na obisae sɛ: Dɛn na wowɔ ka kyerɛ me?

20Na ose: Yudafo no adwene ho sɛ wɔbɛsrɛ wo, na ɔkyena wode Paulo aba gua mu sɛnea wɔrebebisa ne ho asɛm mu yiye.

21Nanso ntie wɔn! Na wɔn mu mmarima bɛboro aduanan retɛw no; na wɔakeka wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi na wɔrennom, gye sɛ wɔakum no ansa; na afei wɔasiesie wɔn ho, na wɔretwɛn sɛ wobɛma ho kwan.

22Ɛnna ɔsafohene no gyaa aberante no kwan na ɔhyɛɛ no sɛ: Nka nkyerɛ obiara sɛ woayi me asotiw!

Wɔde Paulo kɔma Felike wɔ Kaesarea

23Na ɔfrɛɛ asraafo ha so mpanyin no mu baanu bi kae sɛ: Munsiesie asraafo ahanu apɔnkɔfo aduɔsɔn, ne peawkurafo ahanu, anadwo bɛyɛ nnɔnkron bere mu mma Kaesare.

24Na wonsiesie mmoa nso, na wɔmfa Paulo ntena so mfa no dwoodwoo nkɔma amrado Felike.

25Na ɔkyerɛw nhoma a emu asɛm se:

26Klaudio Lisia de eyi kyia amrado pa Felike.

27Aso 21.33; 22.25 Ɔbarima yi a Yudafo kɔfaa no sɛ anka wobekum no na me ne dɔm kɔe kogyee no no, mate sɛ ɔyɛ Romani.

28Aso 22.30 Na mepɛe sɛ anka mihu dekode a wɔde reto no so no, mede no mekɔɔ wɔn gua mu;

29Aso 23.6; 23.9; 18.14-15 na mihui sɛ wɔn mmara ho asɛmmisa nti na wɔne no wɔ nkurobɔ, na wɔamfa biribi a ɛsɛ owu anaa ɔkyere anto no so.

30Aso 24.8 Nanso wɔayi me asotiw sɛ nnipa bi retɛw ɔbarima no nti, merema wɔde no abrɛ wo, na mahyɛ ne nkurobɔfo no nso sɛ wɔmmɛka nea wɔwɔ wɔ ne ho no w’anim.

31Ɛnna asraafo no faa Paulo, sɛnea wɔhyɛɛ wɔn no, na wɔde no kɔɔ Antipatri anadwo no.

32Na ade kyee no, wɔmaa apɔnkɔfo no ne no kɔe, na wɔsan baa aban no mu bio.

33Na wɔn de, woduu Kaesarea na woyii nhoma no maa amrado no, wɔde Paulo nso kogyinaa n’anim.

34Aso 22.3 Na amrado no kenkan nhoma no wiei na obisaa ɔman ko a ofi mu na ɔtee sɛ ofi Kilikia no,

35ɔkae sɛ: Wo nkurobɔfo no ba a, na metie wo. Na ɔhyɛe sɛ wɔmfa no nsie Herode aban mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help