Hiob 5 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1Frɛ ɛ, so obi wɔ hɔ a obebua wo?

Na akronkronfo mu hena na wode bɛdan no?

2Na ahisɛm kum ogyimifo,

na ninkuntwe kum atetekwaa.

3 Nnw 37.35-36 Me de, mahu ogyimifo a ogyee ntini,

nanso amonom hɔ ara na medomee ne tenabea;

4ne mma ne nkwagye ntam pan, na wɔpɛtɛw wɔn,

kurow pon mu a ogyefo nni hɔ.

5Wɔn a wodi kɔm bedi ne nnɔbae,

na nsɔe mu po na wɔbɛfa,

na adifudepɛfo amene wɔn adedodow.

6Efisɛ mmusu mfifi mfi mfutuma mu,

na ɔhaw nso mfuw mfi fam.

7Na wɔwoo onipa maa ɔhaw,

sɛ ogyaframa tutu kɔ soro no.

8Na me a, anka mɛhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan,

na mede m’asɛm mahyɛ Onyankopɔn nsa,

9 Hiob 9.10 nea ɔyɛ adekɛse a enni nhwehwɛm,

anwonwade nso a wontumi nkan.

10Nea ɔma osu tɔ asase so,

na ɔma nsu ba wuram,

11 Nnw 75.7; Luka 1.52 ɔde ahobrɛasefo bɛtenaa nea ɛkorɔn,

na nkɔmmɔdifo asɔre akɔ yiyedi mu.

12Ɔsɛe aniferefo atirimpɔw,

na wɔn nsa antumi anyɛ adepa bi.

13 1 Ko 3.19 Ɔkyere anyansafo wɔn anifere mu,

na obutuw akɔntɔnkyefo agyina.

14 Yes 59.9-10 Wɔtɔ sum mu awia,

na awia ketee wɔkeka sɛ anadwo.

15Na ogye ohiani fi afoa a efi wɔn anom no ano,

ne ɔhoɔdenfo nsam.

16Na ɔbrɛfo nya anidaso,

na amumɔyɛ mua n’ano.

17 Mmb 3.11; Nnw 94.12 Hwɛ, nhyira ne ɔdesani a Onyankopɔn ka n’anim,

na otumfo nteɛso no, ɔmpo!

18 Deut 32.39; Hos 6.1 Na ɔno na opira, na ɔkyekyere so,

ɔpɛtɛw, na ne nsa nso sa.

19 Mmb 24.16 Obeyi wo afi ahohia asia mu,

na nea ɛto so ason no mu, bɔne renka wo.

20Ɔkɔm bere obegye wo afi owu mu,

na akodi mu nso wagye wo afi afoa ano.

21Ɔbɛkora wo afi tɛkrɛma mpire ano,

na worensuro ɔsɛe a ɛreba.

22Wobɛserew ɔsɛe ne ɔkɔm,

na asase so mmoadoma nso, worensuro wɔn.

23 Hos 2.18; Yes 11.6-9 Efisɛ wo ne wuram abo po bɛyɛ apam,

na wuram mmoadoma bedwo ama wo.

24Na wubehu sɛ wo ntamadan si hɔ dwoodwoo,

na wohwɛ wo tenabea a, worenhu sɛ atɔ mu.

25Na wubehu nso sɛ w’asefo bɛdɔɔso pii,

na wɔn a wofi wo mu bɛyɛ sɛ asase so nhaban,

26wode onyinkyɛ na ɛbɛkɔ ɔdamoa mu,

sɛ wɔde awi afiafi ba mu ne bere mu no.

27Hwɛ, eyi na yɛabɔre mu ahu, sɛ ɛte ni;

tie, na wo nso, hu fa!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help