Sirak 40 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onipa yɛ mmɔbɔ

1Wɔbɔɔ adwumaden maa onipa biara,

na kɔndua duruduru da Adam mma so,

efi wɔn nanom yam

de kosi wɔn wuda.

2Wɔn de ne ahometew ne akomatu,

ne owu ho dadwene.

3Efi nea ɔte ahengua fɛfɛ so,

de kosi nea wɔabrɛ no ase wɔ mfutuma ne nso mu.

4Efi nea ɔhyɛ beredum atade ne ahenkyɛw

de kosi nea ofura were so;

5Ɛyɛ abufuw, nitan, ɔbrɛ ne ateetee nkutoo,

owu ho suro, abufuw, ne aperepere.

Na sɛ obi kɔ ne mpa so a,

ne nna haw n’adwene.

6N'ahomegye kakraa bi, anaasɛ onnya bi koraa,

ɔpere ne nnae so, sɛnea ɔyɛ no awia bere no ara,

N'ani so adehu haw n’adwene,

te sɛ obi a waguan afi akono.

7Ɛyɛ sɛ ɔredu nea eye pɛ na n’ani atew,

na wabɔ hu sɛ ne suro ayɛ ɔkwa.

8Abɔde nyinaa, nnipa ne mmoa nso te sa,

na abɔnefo de, ɛba wɔn so mpɛn ason.

9Owu, mogyahwiegu, aperepere ne nkrante,

amanehunu, ɔkɔm, ɔsɛe ne ɔyaredɔm.

10Wɔbɔɔ eyinom nyinaa maa amumɔyɛfo,

na wɔn nti na nsuyiri bae.

11Nea efi dɔte mu nyinaa

san kɔ dɔte mu bio,

na nea efi nsu mu no

san kɔ po mu.

Nsisi renya nkɔso

12Wobeyi kɛtɛasehyɛ ne nsisi nyinaa hɔ

na gyidi pa betim hɔ afebɔɔ.

13Osisifo ahonya bɛyera sɛ asu bi,

na apansam sɛ ɔpranaa nnyigyei bi.

14Onipa a ne nsam gow no ani begye,

na mmaratofo bɛhwe ase koraa.

15Nnipa a wonni nyamesuro no mma ase remfɛe pii;

wɔyɛ ntini a wonni ahoɔden a, wogyina abo so.

16Demmire a ɛwɔ nsu ani anaa asubɔnten nsunoa no,

wotwa ansa na wɔatwa sare biara.

17Na mmom ayamye te sɛ nhyira turo,

na ayɛyɛde tim hɔ afebɔɔ.

Abrabɔ mu anigye

18Ahonya ne akatua ma abrabɔ yɛ dɛ,

nanso nea ɛboro eyinom nyinaa so ne sɛ wobenya ademmude.

19Mma ne ahenkurow kyekye ma nnipa nya din,

nanso nea ɛkyɛn eyi nyinaa ne nyansa.

20Nsa ne nnwom ma komam anigye

nanso nnamfo dɔ ye kyɛn abien no nyinaa.

21Atɛntɛbɛn ne sanku bom ma dwom dɛdɛ,

nanso nne a ɛyɛ dɛ ye kyɛn abien yi.

22Aniwa pɛ ade a ɛyɛ ahomeka, na ɛyɛ fɛ,

mmom aburow a afifi frɔmm yɛ fɛ kyɛn ebien yi.

23Ɔyɔnko ne adamfo brɛbo hyia daa,

nanso ɔyere pa ye kyɛn wɔn.

24Anuanom ne aboafo wɔ hɔ ma ahokyere bere,

nanso adɔeyɛ ma ahotɔ kyɛn wɔn baanu yi.

25Sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ma abrabɔ si pi,

nanso afotu pa kyɛn abien yi.

26Ahonya ne ahoɔden ma ahotɔ,

nanso Awurade suro ye kyɛn abien yi.

Adehwere biara nni Awurade suro mu,

na sɛ ekura wo a, enhia sɛ wohwehwɛ mmoa biara.

27Awurade suro te sɛ nhyira turo,

na ɛkata nnipa so yiye sen anuonyam biara.

Adesrɛsrɛ ho animguase

28Me ba, mmɔ bra sɛ adesrɛsrɛfo,

Eye sɛ wobewu kyɛn sɛ wobɛsrɛsrɛ ade.

29Sɛ obi de n’ani to obi aduan so a,

n’abrabɔ mfata asetena pa.

Na ɛyɛ animguase sɛ

obi de n'ani to ne yɔnko aduan so,

na nea ɔwɔ nimdeɛ ne ntetewee no,

bɔ ne ho ban fi eyi ho.

30Onipa a ɔmfɛre ade no, adesrɛsrɛ nyɛ no hwee,

nanso epira no wɔ ne mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help