Ester Nhoma 15 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔhene gye Ester

1Da a ɛto so abiɛsa no, a owiee ne mpaebɔ no, oyii n'atade a ɔhyɛ de kɔɔ asɔre no too hɔ, na ɔfaa atade fɛfɛɛfɛ bi hyɛe.

2Afei osiesiee ne ho kama, na ɔbɔɔ mpae srɛɛ mmoa fii ne Nyankopɔn ne ne gyefo hɔ. Ɔfaa ne mmaawafo baanu kaa ne ho, ɔde ne ho tweri obiako brɛoo ma oso ne mu,

4na obiako nso so n'atade mu di n'akyi.

5Ɔyɛ fɛ, na ɔhyerɛn papa bi, wohwɛ a, wobɛka sɛ n'ani agye, nanso ne komam yɛ osuro nkutoo.

6Ɔfaa apon no nyinaa mu wiei no, obeduu ɔhene anim. Na ɔhene te n'ahengua so, a ofura n'ahemfo ntama pa bi. Wɔde sika kɔkɔɔ ne aboɔden bo abobɔ ne nyinaa mu. Na ne ho yɛ hu dodo.

7Ɔhene maa ne ti so, na wohwɛ n'anim a, na ɛhyerɛn yiye. Ɔde abufuw a emu yɛ den hwɛɛ Ester. Na ɔhemmea no bɔɔ piriw, na n'anim tow tuo, na n'ani so birii no, na ɔhwee abaawa a odi n'anim no so.

8Na Onyankopɔn sakraa ɔhene no honhom, ma edwoe. Na ɔsɔree putupuru fii n'ahengua so, na ɔmaa Ester so too n'abasa so, kosii sɛ n'ani so daa hɔ. Ɔde nsɛmdɛ kyekyee ne werɛ, na obisaa no sɛ:

9Ester, ɛyɛ dɛn asɛm? Wo kunu ne me. Nya koma.

10Worenwu, efisɛ yɛn mmara no wɔ hɔ ma yɛn nkurɔfo nkutoo. Twiw bɛn ha.

11Na ɔmaa sika akofena no so, de kaa no kɔn ho;

12na ɔyɛɛ no atuu, kae sɛ: Kasa kyerɛ me.

13Na Ester kae sɛ: Me wura, mihuu wo ara pɛ, na ɛyɛɛ me sɛ mahu Onyankopɔn bɔfo bi, enti me koma tui w'anuonyam ho nti.

14Me wura: Wo ho yɛ nwonwa, na w'anim hyerɛn sɛ!

15Bere a Ester gu so rekasa no ara, na n'ani so birii no, na ɔtew hwee fam.

16Na ɔhene de ahopopo, na ɔne ne nkoa nyinaa bɔɔ mmɔden kyekyee ne werɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help