Rut NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)
NHYƐNMURut nhoma no mu nsɛm yɛ asomdwoe nkutoo, nanso wɔkyerɛw no wɔ Akannifo anaa Atemmufo no bere so a na amimdi kɔ so pii. Wɔde Rut a ɔyɛ Moabni bea maa Israelni aware, bere a ne kunu wui no, Rut kyerɛɛ ɔdɔ sonowonko maa n’asebea Israelni yi na ɔde ne koma nyinaa som Israel Nyankopɔn. Awiei no onyaa okunu foforo fii ne kunu dedaw no abusua mu na ɛnam saa aware yi so maa Rut bɛyɛɛ Nanankanso a Israelfo Ahemfo mu otitiriw Dawid fi n’ase.Akannifo nhoma no kyerɛ amanehunu a ɛbaa Onyame nkurɔfo so mmere a wogyaw no no, Rut nso kyerɛ nhyira a ɛbaa ɔhɔho a ɔbaa Israel Nyankopɔn nkyɛn na ɔbɛkaa agyidifo amapa no ho.EMU NSƐMNaomi ne Rut san kɔ Betlehem 1.1-22Rut hyia Boas 2.1—3.18Boas ware Rut 4.1-22