Sirak 50 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onias ba Simon

1Ɔyɛ anuanom mu dikanfo ne ne nkurɔfo mu onuonyamfo,

Simon Onias ba no, na ɔyɛ ɔsɔfo panyin

ne bere so na wosiesiee ɔdan no,

na ne bere so no wɔbɔɔ asɔrefi no ho ban.

2Ɔno na ɔtoo fapem mmɔho abien maa ɔfasu tenten no,

ɔfasu tenten a wɔde atwa asɔredan no ho ahyia no.

3Ne bere so na wotuu nsubura,

akɛse a ɛte sɛ po a wɔde kora nsu.

4Ɔdwenee nea ɛbɛyɛ a ɔbɛbɔ ne nkurɔfo ho ban afi ɔsɛe mu.

na ɔbɔɔ ahenkurow no ho ban,

nea ɛbɛyɛ a atamfo nsa renka.

5N'anim yɛ nyam sɛ,

bere a nnipa atwa ne ho ahyia no,

na ofi piam repue aba!

6Sɛnea anɔpa nsoromma repue afi omununkum mu,

sɛ ɔsram a ayɛ mua wɔ afahyɛ nna mu;

7sɛ awia hyerɛn wɔ Ɔsorosoroni no asɔrefi,

te sɛ nyankontɔn a ɛrehyerɛn wɔ omununkum fɛfɛ mu;

8sɛ nhwiren fɛfɛ wɔ n'aduakan bere mu,

sɛ sukooko a wosisi nsu ho

sɛ dua momono a ɛfefɛw wɔ Lebanon ɔhyew bere mu;

9sɛ ogya ne aduhuam a ɛwɔ ɔsɛn mu,

sɛ kuruwa a wɔde sika ayɛ a,

wɔde abo a ɛsom bo ahorow asisi ho fɛfɛɛfɛ.

10sɛ ngo dua a asow aba,

sɛ ɔpopaw dua tenten a ɛkɔ soro kodu omununkum mu.

11Sɛ ɔhyɛ n’atade fɛfɛɛfɛ no,

na osiesie ne ho ma edi mu mapa,

na ɔforo kɔ afɔremuka kronkron no ho a,

ɔma kronkronbea yɛ nyam.

12Na sɛ ne nsa ka kyɛfa fi asɔfo no nsam a,

bere a ogyina afɔremuka gya ho no

na anuanom atwa ahyia ne ho a,

na ɔte sɛ odum duaforo a ɛwɔ Lebanon,

a mmɛ atwa ho ahyia.

13Aaron ne mmammarima nyinaa a woasiesie wɔn ho fɛfɛ no,

kurakura Awurade afɔrebɔde wɔ wɔn nsam,

wɔ Israel asafo no nyinaa anim.

14Owie ɔsom wɔ afɔremuka no anim a

na ɔhyehyɛ afɔrebɔde no ma Ɔsorosoroni Tumfo no,

15ɔteɛ ne nsa ma kuruwa no so

na osiesie nsa afɔrebɔ, hwie gu bobe a abere no so,

ɔde gu afɔremuka no ase,

ma eyi hua dɛdɛ ma Ɔsorosoroni no, abɔde nyinaa wura no.

16Akyi no Aaron mmammarima no teɛteɛm

na wɔhyɛn trobɛnto a ɛyɛ ɔtomfo nsa ano adwinni,

de yɛ dede kɛse a wɔbɛte no wɔ akyirikyiri

de yɛ nkaede wɔ Ɔsorosoroni no anim.

17Afei nnipa no nyinaa yɛɛ ntɛm

bɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butubutu fam

de som Awurade, Otumfo, Nyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no.

18Na nnwontofo no de wɔn nne yii no ayɛ,

wɔtoo sanku so nnwom dɛdɛ.

19Na Awurade Ɔsorosoroni nkurɔfo no bɔɔ

wɔn mpaebɔ wɔ mmɔborohunufo no anim,

kosii sɛ wɔde Awurade asɔreyɛbea no baa awiei;

na wɔde ɔsom no baa awiei.

20Afei Simon sii fam na ɔmaa ne nsa so

wɔ Israelfo asafo no nyinaa so,

na ɔmaa n’ano so de Awurade nhyira maa wɔn,

na ɔde ahyɛ Awurade din anuonyam;

21na wɔbɔɔ wɔn mu ase mpɛn abien so de sɔree no,

sɛ wɔde regye nhyira afi Ɔsorosoroni no hɔ.

Nhyira

22Na afei nhyira nka abɔde nyinaa Nyankopɔn no,

ne nea ɔyɛ anwonwade wɔ maa nyinaa no,

ɔno na wɔahwɛ yɛn so fi yɛ nanom yam;

na ɔne yɛn nam sɛnea ne mmɔborohunu te.

23Ɔma yɛn ani gye fi yɛn komam,

na ɔmma asomdwoe mmra wɔ yɛn bere so,

wɔ Israel sɛnea tete no ɛte no.

24Ɔmfa ne mmɔborohunu mma yɛn,

na onnye yɛn wɔ yɛn bere yi mu!

25Aman abien na mempɛ wɔn asɛm,

na wɔn a ɛto so abiɛsa no nyɛ nnipa mpo.

26Wɔn a wɔte Bepɔw Seli so, Filistifo,

ne agyimifo a wɔwɔ Sekem,

Ewiei

27Kyerɛkyerɛ wɔ nimdeɛ no ho,

na makyerɛw no nhoma yi mu yi,

Sirak ba Yesu, Eleasar a ofi Yerusalem ba nen,

ɔno na ofi n’adwene mu woroo nyansa.

28Nhyira ne wɔn a wɔfa adwene wɔ eyinom ho,

na wɔn a wɔde sie wɔn komam no bɛyɛ anyansafo.

29Efisɛ sɛ odi so a, obenya ahoɔden wɔ nneɛma nyinaa ho,

efisɛ sɛ Awurade suro wɔn akwan.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help