1Na ɔhene Dawid abɔ akora na wadi nna pii. Na sɛ wɔde ntama kata no ho mpo a, ne ho nyɛ no hyew.
2Enti ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma wɔnhwehwɛ ababaa a ɔyɛ ɔbaabun bi mmrɛ me wura ɔhene, na ommegyina ɔhene anim nyɛ wo hwɛfo, na ɔnna wo kokom na me wura ɔhene nnya ahoɔhyew.
3Ɛnna wɔkɔhwehwɛɛ ababaa hoɔfɛfo bi Israel ahye nyinaa mu, na wokohuu Sunamni Abisag, na wɔde no brɛɛ ɔhene.
4Na ababaa no ho yɛ fɛ pa ara, na ɔyɛɛ ɔhene hwɛfo na ɔsom no. Nanso ɔhene ne no anna.
Adonigya pere ahengua no5 2 Sa 3.4; 15.1 Absalom wu akyi no, Hagit ba Adonigya maa ne ho so kae sɛ: Me na medi hene. Na osiesiee nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ne mmarima aduonum a wɔbɛbɔ ne ho ban
6Nanso n’agya anka asɛm a ɛyɛ yaw bi ankyerɛ no da sɛ: Adɛn na woyɛ sɛɛ yi? Na ɔno nso yɛ ɔhoɔfɛfo, na ɔno na wɔwoo no dii Absalom akyi.
71 Ah 2.22 Na ɔne Seruia ba Yoab ne Ɔsɔfo Abiatar na edi atirimsɛm, na wodii Adonigya akyi boaa no.
8Na Ɔsɔfo Sadok ne Yoiada ba Benaia ne odiyifo Natan ne Simei ne Rei ne Dawid nnɔmmarima no de, wonni Adonigya fam.
9 Yos 15.7 Na Adonigya kunkum nguan ne anantwi ne anantwi a wɔadɔ srade, Sohelet bo a ɛwɔ En-rogel ho no so, na ohyiahyiaa ne nuanom ahenemma no nyinaa ne Yuda mmarima a wɔyɛ ɔhene nkoa no nyinaa.
10Na odiyifo Natan ne Benaia ne nnɔmmarima no ne ne nua Solomon de, wanhyia wɔn.
11Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Solomon ne na Batseba sɛ: So wontee sɛ Hagit ba Adonigya di hene, na yɛn wura Dawid nnim?
12Afei bra ma yentu agyina, na gye wo kra ne wo ba Solomon kra nkwa.
13Kɔ ɔhene Dawid nkyɛn, na ka kyerɛ no sɛ: So ɛnyɛ wo, me wura ɔhene, na wokaa w’afenaa ntam sɛ: Wo ba Solomon na obedi m’ade, na ɔno na ɔbɛtena m’agua so? Na adɛn nti na Adonigya di hene yi?
14Hwɛ, wo ne ɔhene da so rekasa wɔ hɔ no, me nso medi w’akyi maba, na mabɛfoa wo nsɛmmoa.
15Na Batseba kɔɔ ɔhene nkyɛn pia mu; na ɔhene abɔ akora pa ara, na Sunamni Abisag som ɔhene.
16Ɛnna Batseba bɔɔ ne mu ase kotow ɔhene. Na ɔhene bisaa no sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo?
17Na obuaa no sɛ: Me wura, wo na wokaa AWURADE wo Nyankopɔn ntam kyerɛɛ w’abaawa sɛ: Wo ba Solomon na obedi m’ade, na ɔno na ɔbɛtena m’agua so.
18Na afei, hwɛ, Adonigya na odi hene yi; nanso me wura ɔhene, wunnim.
191 Ah 1.9-10 Na wakunkum anantwi ne nyɛmmoa ne nguan bebree, na wahyiahyia ahenemma nyinaa ne ɔsɔfo Abiatar ne ɔsahene Yoab, na w’akoa Solomon de, wanhyia no.
20Na wo, me wura ɔhene, Israel nyinaa ani da wo so sɛ, kyerɛ wɔn nea ɔbɛtena me wura ɔhene agua no so ne wu akyi.
21Eks 5.16 Anyɛ saa a, me wura ɔhene bɛkɔ n’agyanom nkyɛn asaman no, wobebu me ne me ba Solomon nnebɔneyɛfo.
22Na hwɛ, ɔda so ne ɔhene rekasa no, odiyifo Natan nso baa hɔ.
23Na wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, odiyifo Natan ni. Na oduu ɔhene anim no, ɔkotow ɔhene de n’anim butuw fam.
24Na Natan kae sɛ: Me wura ɔhene, wo na wuse: Adonigya nni w’ade na ɔno na ɔntena w’agua so, anaa?
252 Sa 16.16 Na ɛnnɛ wasian kɔ, na wakokum anantwinini, ne anantwi a wɔadɔ srade, ne nguan bebree, na wahyia ahenemma nyinaa ne asafohene ne ɔsɔfo Abiatar, na hwɛ, wɔredidi na wɔrenom n’anim, na wɔka sɛ: Ɔhene Adonigya tiri nkwa!
261 Ah 1.10 Na me, w’akoa ne ɔsɔfo Sadok ne Yoiada ba Benaia ne w’akoa Solomon de, wanhyia yɛn.
27So me wura ɔhene nkyɛn na asɛm yi fi, na woamma w’akoa anhu nea ɔbɛtena me wura ɔhene wu akyi agua no so?
28Ɛnna ɔhene Dawid buae sɛ: Momfrɛ Batseba mma me. Na ɔbaa ɔhene anim begyinaa hɔ.
29Na ɔhene kaa ntam sɛ: Sɛ AWURADE a ogyee me kra fii ahohia nyinaa mu te ase yi,
30sɛnea mekaa AWURADE Israel Nyankopɔn ntam mekyerɛɛ wo sɛ: Wo ba Solomon na obedi m’ade, na ɔno na ɔbɛtena m’agua so asi m’ananmu no, saa ara na mɛyɛ nnɛ da yi.
31Ɛnna Batseba bɔɔ ne mu ase de n’anim butuw fam kotow ɔhene kae sɛ: Me wura ɔhene nnya nkwa daa!
Wɔsra Solomon si no hene32Na Ɔhene Dawid kae sɛ: Momfrɛ ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan ne Yoiada ba Benaia mma me. Na wɔbaa ɔhene anim.
33Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo wura nkoa nka mo ho, na momfa me ba Solomon ntena m’afurumpɔnkɔ so, na momfa no nsian nkɔ Gihon.
34Na ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan nsra no mfa no nsi Israel so hene wɔ hɔ, na monhyɛn torobɛnto sɛ: Ɔhene Solomon tiri nkwa!
35Na momforo nni n’akyi, na ɔmmra mmɛtena m’agua so, na ɔno na onni m’ade, na ɔno na mahyɛ no sɛ ɔnyɛ Israel ne Yuda so panyin.
36Ɛnna Yoiada ba Benaia buaa ɔhene sɛ: Amen! Saa ara nso na AWURADE, me wura ɔhene Nyankopɔn, nka.
37Sɛnea AWURADE ne me wura ɔhene tenae no, saa ara nso na ɔne Solomon ntena, na ɔmma n’agua nso nsen me wura ɔhene Dawid agua no.
38 2 Sa 8.18 Na ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan ne Yoiada ba Benaia ne Keretifo ne Peletifo sian kɔe, na wɔde Solomon tenaa ɔhene afurumpɔnkɔ so, na wɔde no kɔɔ Gihon.
391 Be 23.1; 29.22 Na ɔsɔfo Sadok faa ngo abɛn fii ntamadan no mu de bɛsraa Solomon. Na wɔhyɛn torobɛnto, na ɔman no nyinaa kae sɛ: Ɔhene Solomon tiri nkwa!
40Na ɔman no nyinaa foro dii n’akyi bae, na ɔman no hyenhyɛn mmɔtɔwa, na wɔn ani gyee kɛse, na wɔn gyegyeegye no reyɛ ama asase mu apae.
41Na Adonigya ne wɔn a wahyia wɔn a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa tee; na wɔawie adidi; na Yoab tee torobɛnto no nka no, ɔkae sɛ: Kurow no mu hooyɛ a yɛte yi ase ne dɛn?
422 Sa 15.27, 36 Na ɔda so rekasa no, hwɛ, ɔsɔfo Abiatar ba Yonatan bae; na Adonigya kae sɛ: Bra, na woyɛ ɔbarima a wutumi, na wukura kaseɛ pa.
43Na Yonatan bua ka kyerɛɛ Adonigya sɛ: Ampa, yɛn wura ɔhene Dawid de Solomon asi hene.
44Na ɔhene asoma ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan ne Yoiada ba Benaia ne Keretifo ne Peletifo aka ne ho, na ɔde no atena ɔhene afurumpɔnkɔ so,
45na ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan asra no de no asi hene Gihon, na wɔde anigye de no aforo afi hɔ aba, na kurow no mu ayɛ hoo: Ɛno ne gyegyeegye a motee no.
461 Be 28.5 Nso Solomon te ahenni agua no so.
47Nanso ɔhene nkoa aba abehyira yɛn wura ɔhene Dawid sɛ: Onyankopɔn mma Solomon din nyɛ kɛse nsen wo din, na ɔmma n’agua nso nsen w’agua. Na ɔhene abɔ ne mu ase ne nnae so;
481 Ah 3.6 nanso sɛ ɔhene kae ni: Nhyira ne AWURADE Israel Nyankopɔn a wama obi atena m’agua so nnɛ yi, na m’aniwa ahu.
49Ɛnna nnipa a Adonigya ahyia wɔn no nyinaa bobɔɔ piriw, na wɔsɔresɔree, na obiara sii ne kwan so kɔe.
50Na Adonigya suroo Solomon anim, na ɔsɔre kɔe kosusoo afɔremuka abɛn mu.
511 Ah 2.28 Na wɔka kyerɛɛ Solomon sɛ: Hwɛ, Adonigya suro ɔhene Solomon, na hwɛ, wakosuso afɔremuka abɛn mu sɛ: Ɔhene Solomon nka me ntam nnɛ, sɛ ɔremfa nkrante nkum n’akoa.
522 Sa 14.11 Na Solomon kae sɛ: Sɛ ɔdan onipa a ɔsɛ a, ne nwi biako rentɔ fam; na sɛ wohu bɔne wɔ no mu a, obewu.
53Na ɔhene Solomon soma ma wɔkɔfaa no fii afɔremuka no ho sian bae. Na ɔbae bɛkotow ɔhene Solomon, na Solomon ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ wo fi.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.