Nnwom 12 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Mmoa Ho AdesrɛWɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Saminit” sanku nne so. Dawid dwom

1O! AWURADE, boa, na ahotefo rewie sa,

na anokwafo ase rehyew, nnipa mma mu.

2Obiara twa ne yɔnko nkontompo,

ano fremfrem ne koma nta na wɔde kasa.

3Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa

ne tɛkrɛma a ɛka nsɛnkɛse,

4 Nnw 73.8-9 wɔn a wose: Yɛn tɛkrɛma na yɛde di mmaninsɛm,

yɛn ano wɔ hɔ, hena na obedi yɛn so?

5Mmɔborohunufo so hyɛ ne ahiafo apinisi nti mɛsɔre afei,

sɛ AWURADE se ni,

megye nea ogu ahome repɛ nkwagye no nkwa.

6 Nnw 19.8 AWURADE bɔhyɛ yɛ bɔhyɛ kronkron te sɛ dwetɛ

a wɔanan no fononoo wɔ fam

a wɔayiyi mu mpɛn ason.

7Ao, AWURADE, hwɛ yɛn so,

na kora yɛn fi nnɛ mma yi mu daa.

8 Mmb 28.12 Sɛ ahuhusɛm ahoran nnipa mma mu yi,

abɔnefo abu so nennamee.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help