Nyansa 11 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nyansa de Israelfo no faa anwea so

1 Eks 15.22—17.16 Nyansa nam odiyifo kronkron no so

maa wɔn dwumadi kɔɔ so

2Wotuu kwan wɔ sare a ateasefo nni so so,

na wosisii wɔn ntamadan wɔ

mmeae a obiara ntenaa hɔ da.

3Wogyinaa wɔn atamfo anim

ne wɔn dii asi na wodii wɔn so nkonim.

4Osukɔm dee wɔn no wɔfrɛɛ no,

na ɔmaa wɔn nsu fii ɔbotan mu,

na wɔnom nsu kum wɔn sukɔm fii ɔbo dennen mu.

5Efisɛ nneɛma ko nti a,

wɔnam so twee wɔn atamfo aso no,

wɔn ankasa de wonyaa

nea ehia wɔn no ho mfaso.

Misraimfo asotwe

6Anka nea ɛyɛ nsuaniwa a efi

asuten mu daa daa no,

ɛfonee na wɔde mogya fraa mu;

7de yɛɛ nteɛso maa sɛ wɔhyɛɛ

sɛ wonkunkum mmotafoa no ho,

womaa wɔn nsu mmoroso mpofirim,

8de wɔn sukɔm no kyerɛɛ sɛnea saa bere no

wosi twee wɔn atamfo aso.

9Efisɛ bere a wɔbrɛe no,

ɛwom sɛ na wɔnam ahummɔbɔ reteɛ wɔn de,

nso wohuu wɔn a wonnim Onyame no asotwe,

sɛ wode abufuhyew bu wɔn atɛn.

10Na wosɔɔ wɔn hwɛe

sɛ wode bɔ kɔkɔ,

mmom wɔn a wonnim Nyame no

woyɛ wɔn basabasa

sɛnea ɔhene a ɔyɛ den yɛ de bu fɔ.

11Wɔwɔ hɔ o, wonni hɔ o, wɔn

nyinaa ho hiahiaa wɔn pɛ,

12ɛnam sɛ awerɛhow mprenu baa wɔn so,

ne ɔyaw, sɛ wɔkae nea asi no a.

13Na wɔte fii wɔn ankasa asotwe mu sɛ:

ɔtreneeni anya mu mfaso no,

wohuu sɛ AWURADE na wayɛ.

14Ɛwom sɛ wɔde fɛwdi apo nea

kan woyii no tokyene

na wɔdaa no adi no

nanso nneɛma yi awiei no ɛyɛɛ wɔn nwonwa.

afei ɔkwan bi so no wɔn kɔn dɔe

maa atreneefo no.

Abɔnefo asotwe

15 Eks 8.1-24; 10.12-15 15 Wɔn nkwasea ne

amumɔyɛ adwene a

ɛma wɔyerae kɔsom

abosom huhuw no

wosomaa mmoa bebree bi

baa wɔn so bɛtwee wɔn aso.

16Na ama wɔasua ade wɔ mu sɛ:

Nneɛma a onipa yɛ no,

ɛno ara na wɔde twe n'aso.

17Efisɛ wo tumi nsa kɛse no

a amfi hwee mu bɔɔ wiase no,

wɔ tumi sɛ ɔbɛma nsisi pii

anaa agyata akokobirifo aba wɔn so.

18anaa mmoa foforo a wɔabɔ wɔn

wonnim wɔn din a wɔn ho yɛ hu

anaasɛ wɔn a wogu ahome kahyee kahyee

anaa wotu wusiw kumɔnn pukaa pukaa

anaa nyansrama hyɛnhyɛn huhuuhu a,

etu wowɔ wɔn aniwa mu;

19Ɛnyɛ sɛ wɔn adesɛe no ara nko bɛhaw nnipa,

mmom wɔn ho hu kɛkɛ mpo

betumi de akomatu akunkum wɔn.

20Eyinom da nkyɛn mpo a, wogu

ahome gu nnipa so prɛko pɛ a, wɔbɛhwe ase,

bere a atɛntrenee redi wɔn akyi

na wo ahome tumi bɔ wɔn pete no.

Nanso woahyehyɛ nneɛma nyinaa

de susudua ne akontaabude ne karibo ato ho.

Nyankopɔn yɛ otumfo ne ɔyamyefo

21Na ɛwɔ wo tumi mu daa sɛ:

wobeyi w'ahoɔden kɛse akyerɛ,

na hena na obetumi agyina w’abasa no tumi ano?

22Esiane sɛ wiase nyinaa wɔ w’anim

te sɛ mpuran a ɛda nsam a emu duru nsi hwee

na ɛte sɛ anɔpa bosu a ɛpete fam.

23Nanso w'ayamye kata obiara so

efisɛ wotumi ade nyinaa yɛ,

na wobu w'ani gu nnipa mfomso so

sɛnea wobenu wɔn ho.

24Efisɛ wodɔ w'abɔde nyinaa

na wonkyi nea wobɔe no mu biara

esiane sɛ worenyɛ biribiara a wompɛ.

25Ɛbɛyɛ dɛn na biribi anya nkwa wɔ bere wonka ntoo hɔ ɛ?

anaasɛ biribi nso mfi wopɛ mu na ɛbae?

26Wobɔ w'abɔde nyinaa ho ban

efisɛ ɛyɛ wo dea

O AWURADE a wodɔ ateasefo nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help