1Na Hiob gyee so sɛ:
2Woaboa nea onni tumi dɛn?
Dɛn na woayɛ agye basa a enni ahoɔden?
3Afotu bɛn na woatu nea onni nyansa,
na woaka nimdeɛsɛm pa a ɛdɔɔso anaa?
4Hena na woaka nsɛm akyerɛ no,
na hena ahome na afi wo mu yi?
5Nsamanfo ho yeraw wɔn,
nsu ne wɔn a wɔte mu no ase.
6 Mmb 15.11 Asamando da adagyaw n’anim,
na nkataso biara nni hɔ mma ɔsɛe amoa.
7Ɔno na ɔtrɛw ɔsoro a ebiri no mu ahunmu,
na ɔde asase sɛn nea biribi nni.
8 Nnw 104.3 Ɔkyekyere nsu hyɛ amununkum mu,
nanso omununkum no mpae wɔ ase.
9Ɔbram n’ahengua anim
de ne mununkum katakata ho.
10 Hiob 38.10-11; Mmb 8.27-29 Otwa nsu ani hye
de kosi nea hann ne sum awiei hyia hɔ.
11Ɔsoro nnyinaso hinhim,
na wɔn ho dwiriw wɔn, n’ateɛteɛ ano.
12Ɔde ne tumi nu ɛpo mu,
na ɔde ne nhumu brɛ Po mu bɔpɔn ase.
13 Yes 27.1 Ne honhom ano na ɔsoro tew,
ne nsa na ehwirew ɔwɔ a ne ho yɛ hare no mu.
14Hwɛ, eyinom ne n’akwan ano ano,
na ɛho asomusɛm bi nko na yɛte,
na ne mmaninyɛ prannaa a ɛbom no,
hena na obehu mu?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
