1 Eks 12.41 Israel fii Misraim,
na Yakob fifo fii ananafo man mu no,
2Yuda yɛɛ ne kronkronbea,
na Israel yɛɛ ne tumidibea.
3 Eks 14.21-22; Yos 3.13-16 Ɛpo hui, na eguanee,
Yordan san n’akyi.
4 Nnw 68.8 Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini,
na nkoko yɛe sɛ nguammaa.
5Ɛpo, dɛn na ɛyɛ wo na wuguan,
na wo Yordan nso, wosan w’akyi yi?
6Mo mmepɔw, sɛ muhuruhuruw sɛ adwennini,
na mo nkoko, moyɛ sɛ nguammaa yi?
7 Eks 19.18 Asase, popo AWURADE anim,
Yakob Nyankopɔn anim.
8 Eks 17.6 Ɔno na ɔdan ɔbotan ma ɛyɛɛ ɔtare,
na atwɛrebo yɛɛ nsuaniwa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
