1AWURADE, ntwiw m’anim w’abufuw mu,
na ntwe m’aso w’anibere mu;
2 Hiob 6.4; Nnw 32.4 na w’agyan awowɔ me,
na wo nsa aduru me so.
3 Nnw 51.8 W’abohuru nti ahoɔden bi nni me honam mu,
me bɔne nti akwahosan bi nni me nnompe mu;
4 Kwa 1.14 na me mfomso aboro me ti so,
ɛden me so sɛ adesoa duruduru.
5M’akuru bɔn, na aporɔw m’agyimisɛm nti.
6Mapompono, na mapua koraa,
da mu nyinaa mede awerɛhow menam foofoo.
7Na ahyehyekuru ayɛ m’asen mu ma,
na ahoɔden bi nni me honam mu;
8mahodwow, na mabubu pasaa,
me koma apinisi nti misu dennen.
9AWURADE, nea mepɛ nyinaa da w’anim,
na me pene nhintaw wo.
10Me koma pere katirikatiri, m’ahoɔden atu,
na m’aniwa hann po nni me ho bio.
11 Nnw 31.11; Hiob 19.14 M’adɔfo ne me nnamfo afi me haw no ho akogyina nsrɛnso,
na m’abusuafo gyinagyina akyirikyiri.
12Na wɔn a wɔhwehwɛ me kra no asum me afiri,
na wɔn a wɔpɛ me bɔne no ka me sɛe ho asɛm,
na wodwen nnaadaasɛm da mu nyinaa.
13Na me de, mete sɛ ositifo a ɔnte asɛm,
na mete sɛ mum a ommue n’ano.
14Na mayɛ sɛ onipa a ɔnte asɛm
na n’anom nni ntuatuaano.
15Na wo, AWURADE, na m’ani da wo so,
AWURADE, me Nyankopɔn, wubebua.
16Na mise: Mma wɔn ani nnnye me ho,
na sɛ me nan watiriw a,
wɔanhoahoa wɔn ho wɔ me so.
17Na mereyɛ mahwe ase,
na me yaw wɔ m’anim daa.
18 Nnw 32.5 Na meka me mfomso,
me bɔne nti me werɛ ahow.
19Na m’atamfo ho yɛ wɛwɛwɛ,
wɔn ho yɛ den,
na wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso.
20 Nnw 35.12 Na wɔde bɔne tua papa so ka,
papa a midi akyiri nti wɔpɛ me ho asɛm.
21AWURADE, nnyaw me,
me Nyankopɔn, mma wo ne me ntam nnware.
22Yɛ ntɛm bɛboa me, AWURADE, m’agyenkwa!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
