Sakaria 12 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn begye Yerusalem

1Awurade atemmusɛm a ɛfa Israel ho, Awurade a ɔtrɛw ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase na ɔnwenee onipa honhom wɔ ne mu no asɛm ni:

2Yes 51.17 Hwɛ, mede Yerusalem mɛyɛ ntintantɔ kuruwa mama aman a wɔatwa ho ahyia nyinaa, na wɔka Yerusalem hyɛ mu a, ɛbɛba Yuda so nso.

3Sak 14.2; Yoel 3.12 Na da no, mede Yerusalem mɛyɛ tɔkwaboba mama aman nyinaa; wɔn a wɔbɛma so nyinaa bepirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano ahyɛ no.

4Ɛda no, Awurade asɛm ni, mede ahodwiriw mɛbobɔ apɔnkɔ nyinaa, na mede adammɔ mabɔ wɔn sotefo; na mebue m’aniwa Yuda fi so, na aman no apɔnkɔ nyinaa, mede anifurae mɛbobɔ wɔn.

5Na Yuda abusua bɛka wɔn koma mu sɛ: Yerusalemfo wɔ ahoɔden, asafo Awurade wɔn Nyankopɔn mu.

6 Oba 18 Ɛda no, mede Yuda abusua no mɛyɛ sɛ nnyina mu ogya asanka ne afiafi mu gyatɛn, na ahyew aman a atwa ho ahyia nyinaa, anafo ne atifi so, na Yerusalem bɛtena n’asase, Yerusalem hɔ ara.

7Na Awurade begye Yuda ntamadan kan, na Dawid fi anuonyam ne Yerusalemfo anuonyam amma wɔn ho so anhyɛ Yuda.

8Yes 33.24 Ɛda no, Awurade bɛwowaw Yerusalemfo, na wɔn mu nea wahodwow ɛda no bɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fi bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade bɔfo a odi wɔn anim.

9Adi 20.9 Na ɛda no, mɛhwehwɛ amanaman a wɔbaa Yerusalem so no nyinaa masɛe wɔn.

Honhom ho bɔhyɛ. Adwotwa

10 Yoel 3.1; Yoh 19.37; Adi 1.7 Na mehwie ɔdom ne nkotɔsrɛ honhom magu Dawid fi ne Yerusalemfo so, na wɔahwɛ nea wɔahwirew me mu no, na wɔatue no so su sɛ ɔba koro so su, na wɔabɔ no so abubuw a ɛyɛ yaw ara sɛ abakan so de.

112 Be 35.22-25 Ɛda no, abubuwbɔ bɛso Yerusalem sɛ Hadad-rimon abubuwbɔ no, Megido bon mu,

12na asase no bɛbɔ abubuw, abusua abusua; Dawid fi abusua nko, ne wɔn yerenom nko, Natan fi abusua nko, ne wɔn yerenom nko,

13Lewifo abusua nko, ne wɔn yerenom nko, Simei fi abusua nko, ne wɔn yerenom nko;

14mmusua a aka no nyinaa, mmusua mmusua nkorɛnkorɛ ne wɔn yerenom nkorɛnkorɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help