Lewitikɔs 16 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Mpata Da

1 ntonto bɔɔ no no, ɔmfa no animono nnyina AWURADE anim mfa mpata mma no na wonkogyaa no nkɔ sare so mma Asasel.

11Na Aaron mfa bɔne ho afɔre nantwinini a ɛyɛ ne de no mmra mfa mpata mma n'ankasa ne ho ne ne fi, na onkum bɔne ho afɔre nantwinini a ɛyɛ ne de no.

12Na ɔmfa gyasɔ ade nnyansramma ma mfi afɔremuka no so, AWURADE anim, ne aduhuam a wɔasiw no fekɔfekɔ ne nsa abien ma, na ɔmfa nkɔ ntwamu mmɔhɔɔ no akyi;

13na ɔmfa aduhuam no ngu ogya no so, AWURADE anim, na aduhuam no wusiw nkata mpata agua a ɛwɔ Adanse no so no ho, na wanwu.

14Na ɔmfa nantwinini no mogya no bi, na ɔmfa ne nsatea nka mpete mpata agua no so anim fam, na ɔmfa ne nsatea nka mogya no bi mpete mpata agua no anim hɔ mpɛn asɔn.

15 no nhoro ne ntade, na ɔmfa nsu nguare ne ho, na ɛno akyi ansa na ɔmmra nsra no mu.

27Lew 4.12; 6.30; Hes 43.21; Heb 13.11 Na bɔne ho afɔre nantwinini ne bɔne ho afɔre papo a wɔde wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔpatae no, wɔmfa wɔn mfi nkɔ nsra no akyi, na wɔmfa ogya nhyew wɔn nhoma ne wɔn nam ne wɔn agyanan.

28Na nea ɔkɔ kɔhyewee no nhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare ne ho, na ɛno akyi ansa na ɔmmra nsra no mu.

29Na eyi nyɛ mo daa ahyɛde: ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du no, mommrɛ mo ho ase, okuromani oo, ɔhɔho a ɔbɛsoɛ mo mu oo, monnyɛ adwuma biara.

30Heb 10.3 Na da no na wɔpata ma mo de dwira mo, na mo ho atew afi mo bɔne nyinaa mu, AWURADE anim.

31Ɛnyɛ mo ɔhome mu homeda na mommrɛ mo ho ase; ɛyɛ daa ahyɛde.

32Na mpata no, ɔsɔfo a wɔasra no ngo a wɔde ahyɛ ne nsa sɛ onni sɔfo nsi n'agya ananmu no na ɔmpata, na ɔnhyɛ nwera ntade no, ntade kronkron no,

33na ɔmpata mma kronkronbea kronkron no, na ɔmpata mma ahyiae ntamadan ne afɔremuka no, na ɔmpata mma asɔfo no ne ɔman asafo mu no nyinaa.

34Lew 23.26-32; Deut 29.7-11; Heb 9.6-14 Na eyi nyɛ mo daa ahyɛde, na wɔde apata ama Israelfo no afi wɔn bɔne nyinaa mu pɛnkoro daa afirihyia. Na Mose yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help