1 1 Sa 26.20 AWURADE na miguan metoa no,
adɛn na muse me kra sɛ:
Guan sɛ anomaa kɔ mmepɔw so.
2 Nnw 37.14; 64.3-4 Na hwɛ, abɔnefo kuntun wɔn tadua mu,
wɔde wɔn mmɛmma asi hama so,
sɛ wɔde bɛtow abɔ komam teefo, esum mu.
3Sɛ wɔsɛe nnyinaso no a,
ɔtreneeni bɛyɛ dɛn?
4 Hab 2.20; Yes 66.1; Nnw 13.1-3 AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron mu,
AWURADE ahengua wɔ ɔsoro,
n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛw kari wɔn hwɛ.
5 Nnw 5.4 AWURADE sɔ ɔtreneeni hwɛ,
na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ amim de,
ne kra tan no.
6 Gye 19.24 Ɔbɛma nyansrama aduru abɔnefo,
ogya ne sufre ne mframa a ɛdɛw
na ɛbɛyɛ wɔn kuruwa mu kyɛfa.
7 Nnw 33.5; 17.15 Na AWURADE yɛ ɔtreneeni, na ɔpɛ asɛntrenee,
wɔn a wɔteɛ behu n’anim.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
