Rut 3 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Rut ne Boas

1 Rut 1.9 Na n’ase Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, mennhwehwɛ ahomee memma wo na asi wo yiye anaa?

2Hwɛ, yɛn manni, Boas a wo ne ne mmaawa nantewee no wɔ hɔ; ɔrehuw atoko so anadwo yi wɔ awiporowbea.

3Na guare na sra hyɛ wo ntade na sian kɔ aporowee hɔ; na nyi wo ho adi nkyerɛ ɔbarima no kosi sɛ obewie adidi ne ɔnom ansa;

4na sɛ ɔkɔda na wukohu ne dabere hɔ a, kɔ koyi n’anafo ntama na da hɔ; na ɔno ara bɛkyerɛ wo nea yɛ.

5Na obuaa no sɛ: Mɛyɛ nea woka nyinaa.

6Na osian kɔɔ aporowee hɔ kɔyɛe sɛnea n’ase hyɛɛ no nyinaa.

7Na Boas didi nomee na ne bo tɔɔ ne yam no, ɔkɔ kɔdaa atokokuw no ano hɔ. Na ɔbae komm beyii n’anafo ntama na ɔdaa hɔ.

8Na ɔdasum no, ɔbarima no bɔɔ birim, na ɔmaa ne mu so hwɛe, na hwɛ, ɔbea da n’anafo.

9Deut 25.5; Hes 16.8 Na ɔkae sɛ: Ɛyɛ wo hena? Na ose: Ɛyɛ me, w’abaawa Rut. Trɛw w’atade mmuano mu fa kata w’abaawa so, na abusua mu gyefo ne wo.

10Rut 2.11 Na ɔkae sɛ: AWURADE nhyira wo, me ba, woama w’akyiri adɔe ayɛ yiye sen kan de no, sɛ woanni mmerante, ahiafo oo, adefo oo, akyi.

11Na afei, me ba, nsuro. Nea woka nyinaa, mɛyɛ mama wo, efisɛ me manfo a wɔfa kurow pon ano nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbea pa.

12Na afei, ɛwom sɛ abusua mu gyefo ne me, nanso abusua mu gyefo bi wɔ hɔ a ɔbɛn sen me.

13Tena ha anadwo yi, na sɛ anɔpa, ɔyɛ wo ogyefo ade a, eye, ma ɔnyɛ ogyefo: Na sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ wo ogyefo ade a, ɛnne, sɛ AWURADE te ase yi, me na mɛyɛ wo ogyefo. Da ma ade nkye.

14Na ɔdaa n’anafo hɔ koduu anɔpa. Na ɔsɔree ansa na obi rehu ne yɔnko. Na ɔkae sɛ: Wɔmmma wɔnnte sɛ ɔbea no baa aporowee ha.

15Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa mmuatama a egugu wo so no bra, na so mu. Na osoo mu, na osusuw atoko susukora asia guu mu, na ɔde soaa no, na ɔkɔɔ kurow no mu.

16Na oduu n’ase nkyɛn no, obisaa sɛ: Ɛte dɛn, me ba? Na ɔkaa nea ɔbarima no yɛɛ no nyinaa kyerɛɛ no.

17Na ɔkae sɛ: Atoko susukora asia yi na ɔmaa me, na ose, mfa nsansa nkɔ w’ase nkyɛn.

18Na Naomi kae sɛ: Tena hɔ, me ba, kosi sɛ wubehu sɛnea asɛm yi besi, efisɛ ɔbarima no renhome gye sɛ owie asɛm yi di nnɛ ansa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help