1Wohu no wɔ nsɛm a wɔakyerɛw ato hɔ no mu sɛ, odiyifo Yeremia hyɛɛ atukɔfo no sɛ: Wɔmfa gya no bi nkɔ, sɛnea wɔaka no dedaw no
2na sɛ odiyifo no de mmara no maa wɔn no akyi no, ɔhyɛɛ wɔn a wɔretu wɔn akɔ nnommum mu no sɛ mma wɔn werɛ mfi Awurade mmara no, anaasɛ bere a wobehu sika ne dwetɛ ahoni ne wɔn ahosiesie no, wɔmma wɔn adwene nnan mfi ho.
3Na nsɛm a ɛtete sɛɛ na ɔde tuu wɔn fo sɛ, mma mmara no mmfi wɔn komam.
4Ɛwɔ saa nhoma koro a wɔakyerɛw no mu nso sɛ, odiyifo no nyaa anisoadehu sɛ, kyerɛ sɛ, ntamadan ne apamadaka no, wɔmfa nni n’akyi, na ɔkɔɔ bepɔw a Mose foro kɔɔ so no na okohuu Onyankopɔn agyapade no.
5Na Yeremia bae na obehuu ɔbodan bi, na ɔde ntamadan ne apamadaka ne aduhuam afɔrepon no kɔhyɛɛ mu na ɔkataa ɔpon a wɔde kɔ mu no ano.
6Wɔn a wɔne no kɔe no mu binom bae, pɛe sɛ wɔbɛhwehwɛ kwan no, nanso wɔanhu.
7Bere a Yeremia tee no, otwiw wɔn anim na ɔkae sɛ: Wɔrenhu beae hɔ bio da, kosi sɛ Onyankopɔn bɛboaboa ne nkurɔfo ano bio na wada n'ahummɔbɔ adi.
8Eks 16.10; 24.16; 1 Ah 8.10, 11 Na akyiri no Awurade bɛda saa nneɛma yi adi, na Awurade anuonyam ne omununkum bepue, sɛnea ɛyɛɛ Mose bere so no, ne sɛnea Solomon bisae, sɛ beae no wɔntew ho yiye.
9Wɔdaa no adi pefee sɛ, ɛnam sɛ Solomon nim nyansa nti, ɔbɔɔ afɔre de wiee asɔrefi no si na ɔtew ho.
10Sɛnea Mose bɔɔ mpae na Awurade, maa ogya fi soro bɛhyew afɔrebɔde no, saa ara nso na Solomon bɔɔ mpae ma ogya fi soro sianee bɛhyew ɔhyew afɔrebɔde no nyinaa.
11Na Mose kae sɛ: Ɛhyewee, esiane sɛ na bɔne afɔre no wonnii ɛ
12Saa ara na Solomon nso siee nnawɔtwe no.
13Wɔaka ade koro no ara wɔ nneɛma yi ho wɔ nsɛm a wɔakyerɛw ato hɔ, wɔ Nehemia nhoma no mu, ne nhoma korabea a ahemfo, adiyifo, ne Dawid ne ahene nhoma mu nsɛm a wɔkyerɛwee, faa afɔrebɔ ahorow no ho.
14Saa kwan yi ara so na Yudas nso nam gyigyee nhoma a ɛnam akokoakoko nti ɛreyera no, nyinaa abedi yɛn nsam.
15Nti sɛ eyinom ho hia a, soma nnipa na wɔmegye mmrɛ wo.
161 Mak 4.59 Ne saa nti, ɛnam sɛ yɛrebedi odwira afahyɛ nti, yɛakyerɛw abrɛ wo. Saa nti mommɔ mmɔden nkae da no.
17Onyankopɔn na wagye ne nkurɔfo nyinaa, na wasan de n'agyapade no ama wɔn nyinaa, ne ahenni ne asɔfodi ne ahodwira,
18sɛnea ɔhyɛɛ ho bɔ wɔ mmara no mu no. Yɛwɔ anidaso sɛ ɛrenkyɛ Awurade behu yɛn mmɔbɔ na waboaboa yɛn ano afi ɔsoro ase baabiara aba ne fi kronkron hɔ, efisɛ wagye yɛn afi amane kɛse mu na woatew beae ha.
Ɔkyerɛwfo no Nnianim19Yuda Makabee ne ne nuanom ho nsɛm, ne asɔrefi kɛse no ntewho no, ne afɔremuka a wɔdaa no adi sii hɔ no
20ne ɔsa a wotuu no Antioku Epifane ne ne ba Eupato so.
21na oyikyerɛ a wɔn a wofi soro baa wɔn a wɔkoo nkoden peree Yudasom no nkɔso no, ɛwom sɛ na wosua de, nanso wotumi gyee asase no na wɔtaa atamfo no nyinaa,
22na asɔrefi a agye din wiase nyinaa no san bedii wɔn nsam bio, na wɔgyee ahenkurow no sii hɔ, na wɔmaa mmara nsɛm a anka wɔrebɔ agu no san bae bio, bere a Awurade de adɔe kɛse no kyerɛɛ n’adom wɔ wɔn so no.
23Eyinom nyinaa, Yason a ofi Kirene akyerɛw ahyɛ nhoma mu, na yɛabɔ mmɔden akeka ne nyinaa abom ayɛ no nhoma koro.
24Ɛnam sɛ, sɛ yɛhwɛ nsɛm pii a ɛwom, ne ɛho nkotaabude ne ɔbrɛ a ɛwom de ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkenkan abakɔsɛm a wɔka wɔ mu no, ne adesua pii a ɛwɔ mu no a,
25yɛn botae ne sɛ yɛbɛma akenkanfo ani agye ho, na ayɛ mmerɛw nso ama wɔn a wɔpɛ sɛ wosua gu wɔn tirim, ama nhoma no ho aba mfaso ama akenkanfo nyinaa.
26Yɛn a yɛagye ato yɛn ho so sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ahwɛ atwitwa nsɛm bi ntiantia no, adwuma no nyɛ adewa; mmom ɛyɛ fifiritew ne apesi nkutoo,
27nanso sɛnea ɛnyɛ mmerɛw mma nea ɔtow pon na ɔhwehwɛ afoforo yiyedi no, saa ara na sɛ yɛhwehwɛ dodow no anigye a yɛde anigye beso ɔbrɛ dennen yi mu.
28na sɛ yegyae emu nhwehwɛmu fekɔfekɔ no ma ɔkyerɛwfo no a, yɛde yɛn mmɔdemmɔ nso bewie nsɛm no apɔw so apɔw so na adi mu.
29Sɛnea ɔdansifo nimdefo resi dan foforo a, ɔdan mu no nyinaa sibea hia no no, na nea ɔde ngo sra ho no de, ɔhwɛ nea ɛbɛma dan no ayɛ fɛ nkutoo no, saa na medwen sɛ ɛte wɔ yɛn fam.
30Ɛyɛ abakɔsɛm kyerɛwfo a odii kan no botae sɛ; ɔbɛkyerɛw fam fam nneɛma a ɛho hia no ahwɛ afa afanan nyinaa mu, na emu nhwehwɛmu no de wabrɛ ho de ayɛ.
31Nanso nea osiesie nea wɔakyerɛw dedaw no, ɛsɛ sɛ wɔma no kwan ma ɔbɔ mmɔden teɛteɛ nsɛm no so, na otwa nsɛm atenten nyinaa ntiantia.
32Saa beae yi, momma yɛnhyɛ yɛn asɛnka no ase, na yɛamfa foforo anka nea wɔadi kan aka no ho; efisɛ ɛremmoa sɛ yɛbɛkyerɛw nnianim tenten na yɛatwa abakɔsɛm no ankasa no tiaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.