Deuteronomium 30 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1 Deut 28 Na sɛ nsɛm yi nyinaa, nhyira ne nnome a mede masi w’anim yi ba wo so, na wokae wɔ amanaman a AWURADE wo Nyankopɔn apam wo akɔ hɔ no nyinaa mu,

2Lew 26.40 na wosan ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn, na wo ne wo mma tie ne nne sɛnea merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa, mo koma nyinaa ne mo kra nyinaa mu a,

3Yer 29.14; Amos 9.14; Yer 32.37 ɛnne AWURADE wo Nyankopɔn bɛdan wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasan aboa w’ano afi aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu.

4Sɛ wo nnipa a wapam wɔn no wɔ ɔsoro ano po a, efi hɔ na AWURADE wo Nyankopɔn bɛboa w’ano, na efi hɔ na ɔbɛfa wo.

5Na AWURADE wo Nyankopɔn de wo bɛba asase a w’agyanom dii so no so, na woadi so, na wayɛ wo yiye, na wama woadɔ akyɛn w’agyanom.

6Deut 10.16; Yer 4.4; Hes 11.19; Rom 2.29; Kol 2.11 Na AWURADE wo Nyankopɔn betwa wo koma ne w’asefo koma twetia, na wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa.

7Na AWURADE wo Nyankopɔn de nsew yi nyinaa begu w’atamfo ne wɔn a wokyi wo a wɔtaa wo no so.

8Na wo de, wobɛsan abetie AWURADE nne, na woadi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so.

9Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma woadi yiye ama biribiara abu wo so, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wo yafunu mu aba mu ne wo mmoa mma mu ne w’asase so aba mu, efisɛ AWURADE ani begye wo ho bio ama woadi yiye sɛnea n’ani gyee w’agyanom ho no,

10sɛ wutie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na wudi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde a wɔakyerɛw mmara nhoma yi mu no so, na wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa san ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn a!

11Na mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyɛ den mma wo, nanso enni akyirikyiri;

12Rom 10.6, 8 enni ɔsoro na woaka sɛ: Hena na ɔbɛkɔ ɔsoro ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?

13Na enni po agya nso na woaka sɛ: Hena na obetwa po ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?

14Na asɛm no bɛn wo papaapa, ɛwɔ w’anom ne wo koma mu sɛ yɛ.

15 Deut 11.26; 28.2, 15 Hwɛ, ɛnnɛ mede nkwa ne papa ɛne owu ne bɔne masi w’anim,

16na merehyɛ wo nnɛ sɛ: Dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, nantew n’akwan so, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde ne n’atemmude so, na woanya nkwa, na woadɔ, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, asase a worekɔ hɔ akodi so no so.

17Na sɛ wo koma dan na woantie, na woma wɔtwe wo kɔsɔre anyame foforo na wosom wɔn a,

18Deut 4.26 mepae mu mekyerɛ mo nnɛ sɛ ɔsɛe na mobɛsɛe, worenkyɛ asase a woretwa Yordan akɔ hɔ akodi so no so.

19Deut 4.26 Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase midi mo adanse sɛ: Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa,

20na dɔ AWURADE wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho, efisɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodow, na woatena asase a AWURADE kaa w’agyanom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help