1 Samuel 26 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yiye foforo a Dawid yɛɛ Saul

1 1 Sa 23.19; Nnw 54.1 Na Sififo baa Saul nkyɛn Gibea bɛkae sɛ: So ɛnyɛ Dawid na ohintaw Hakila koko a ɛkyerɛ benkum sare pataa no anim no so no?

2Ɛnna Saul sɔre sian kɔɔ Sif sare so, ɔne Israel mmarima mpensa a wɔapaw wɔn, sɛ ɔrekɔhwehwɛ Dawid, Sif sare so.

3Na Saul bɔɔ nsra Hakila koko a ɛkyerɛ sare pataa no anim no so, ɔkwan ho, na Dawid de, ɔtenaa sare no so, na ohui sɛ Saul retiw no aba sare no so.

4Na Dawid somaa akwansrafo, na ohui sɛ Saul aba ampa.

51 Sa 14.50; 17.55 Ɛnna Dawid sɔre kɔɔ nea Saul abɔ nsra hɔ. Na Dawid huu faako a Saul ne ne sahene Ner ba Abner dedae; nso Saul da nteaseɛnam aboae hɔ, na dɔm no abɔ nsra atwa ne ho ahyia.

6Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Hetini Ahimelek ne Suruia ba Abisai, Yoab ne nua sɛ: Hena na ɔne me besian akɔ Saul nkyɛn wɔ nsram hɔ? Na Abisai se: Me ne wo besian akɔ.

7Na Dawid ne Abisai kɔɔ dɔm no nkyɛn anadwo, na hwɛ Saul da hɔ ada, nteaseɛnam aboae hɔ, na ne peaw si fam wɔ n’atifi. Na Abner ne dɔm no deda ne ho hyia.

82 Sa 16.9 Na Abisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Onyankopɔn de wo tamfo ahyɛ wo nsa nnɛ, na afei ma memfa peaw no menwɔ no minkita fam prɛko, na meremfea no so.

9Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Nkum no, na hena na ɔteɛ ne nsa ka nea AWURADE asra no na odi bem?

101 Sa 28.10; 24.12 Na Dawid kae sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, gye AWURADE na ɔbɛka no: Sɛ ne da bedu na wawu, anaasɛ ɔbɛkɔ ɔsa na apra no akɔ.

11AWURADE mma ɛmpare me sɛ mɛteɛ me nsa maka nea AWURADE asra no no. Na afei fa peaw a ɛwɔ n’atifi no ne nsu kuruwa no na yɛnkɔ.

12Gye 2.21; 15.12 Ɛnna Dawid faa peaw ne nsu kuruwa no fii Saul atifi, na wɔkɔe: Na obiara anhu, obiara ante, na obiara annyan, na wɔn nyinaa adeda, efisɛ AWURADE nnahɔɔ atotɔ wɔn so.

13Na Dawid sen kɔɔ ɔfa noho, na okogyinaa bepɔw no atifi wɔ akyirikyiri a ɔkwan pa ara da wɔn ntam.

14Na Dawid bɔn dɔm no ne Ner ba Abner sɛ: Abner ee! Worennye so? Ɛnna Abner gyee so sɛ: Ɛyɛ wo hena na wobɔn ɔhene no?

15Na Dawid ka kyerɛɛ Abner sɛ: So wonyɛ ɔbarima? Na hena na ɔte sɛ wo Israel mu? Na ɛdɛn nti na woanwɛn wo wura ɔhene? Na dɔm no mu bi bae sɛ anka ɔrebekum wo wura ɔhene.

16Asɛm a woadi yi nye. Sɛ AWURADE te ase yi, mosɛ owu, sɛ moanwɛn mo wura a AWURADE asra no no. Na afei, hwɛ nea ɔhene peaw ne nsu kuruwa a esisi n’atifi no wɔ.

17Ɛnna Saul huu sɛ ɛyɛ Dawid nne, na ɔkae sɛ: Wo nne ni, me ba Dawid? Na Dawid se: Ɛyɛ me nne, me wura ɔhene.

18Na ɔkae sɛ: Ɛdɛn nti na me wura di n’akoa akyi sɛɛ? Mayɛ dɛn? Anaasɛ bɔne bɛn na ɛwɔ me nsam?

19Enti afei ma me wura ɔhene ntie n’akoa asɛm. Sɛ AWURADE na wahwanyan wo ahyɛ me a, ɛnne ma onnye aduan afɔre. Na sɛ ɛyɛ nnipa nso a, wɔadome wɔn, AWURADE anim, sɛ wɔapam me nnɛ sɛ minnnya AWURADE agyapade no bi, na wose: Kɔ na kɔsom anyame foforo.

20Enti afei wɔmmma me mogya nngu fam wɔ faako a ɛnyɛ AWURADE anim, efisɛ Israel hene afi adi rehwehwɛ ɔkraman dwiw, sɛnea wotiw akokɔhwerew wɔ mmepɔw so.

21Ɛnna Saul kae sɛ: Mayɛ bɔne, san bra, me ba Dawid, na merenyɛ wo bɔne bio, efisɛ me kra bo ayɛ den w’ani so nnɛ da yi. Hwɛ, madi nkwaseasɛm na mafom so bebree pa ara.

22Na Dawid buae sɛ: Hwɛ, ɔhene peaw ni, na ma mmerante no mu biako mmra mmɛfa.

23Na AWURADE bɛdan onipa biara trenee ne ne nokwaredi ama no, sɛ nnɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa, na mampɛ sɛ meteɛ me nsa meka nea AWURADE asra no no.

24Na hwɛ, sɛnea wo kra asom bo nnɛ m’ani so yi, saa ara na me kra nso nsom bo AWURADE ani so, na onyi me mfi ahohia nyinaa mu.

25Na Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Nhyira nka wo, me ba Dawid. Ampa ara, wobɛyɛ ahoɔdenne, na otumi nso, wubetumi. Ɛnna Dawid sii ne kwan so. Na Saul san kɔɔ ne tenabea.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help