2 Berɛsosɛm 4 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Asɔrefi ho nneɛma no yɛ(1 Ahene 7.23-51)

1 1 Ah 7.23-50 Na ɔyɛɛ kɔbere afɔremuka, ne ntwemu basafa du, na ne trɛw basafa du, na ne korɔn basafa anum.2 Be 7.7

2Na ɔyɛɛ aguaresɛn no kukuruwa, efi ano kosi ano yɛ basafa anum, na basafa abien ne fa ne ne korɔn, na basafa dunum hama na etwa ho hyia.

3Na kukuduuduu nsɛso wowɔ ase de twa ɛho nyinaa hyia, edu wɔ anammɔn biako ne fa mu, ɛbɔ ɛpo no ho kontonkron, kukuduuduu akyerɛpɛn abien, wogui ne gu ara mu.

4Ɛwɔ anantwi dumien so, abiɛsa hwɛ benkum fam, na abiɛsa hwɛ atɔe, na abiɛsa hwɛ nifa fam, na abiɛsa hwɛ apuei; na ɛpo no taa wɔn so ɔsoro, na wɔn akyi nyinaa wɔ emu fam.

5Na ne pipripi yɛ nsayam trɛw, na ɔyɛɛ ano sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a ahan, na galɔn mpem dunum kɔ mu.

6Na ɔyɛɛ aguasɛn du, na ɔde anum sisii nifa fam na ɔde anum nso sisii benkum fam, sɛ wɔnhohoro nneɛma ho wɔ mu; ɔhyew afɔre nneɛma no na wɔhohoro ho wɔ mu; na ɛpo no de, ɛwɔ hɔ ma asɔfo, na wɔahohoro wɔn ho wɔ mu.

7Na ɔyɛɛ sika akaneadua du sɛ ne yɛbea te, na ɔde sisii asɔredan no mu, anum wɔ nifa fam, na anum nso wɔ benkum fam.

8Na ɔyɛɛ apon du de sisii asɔredan no mu, anum wɔ nifa, na anum wɔ benkum; na ɔyɛɛ sika nkora ɔha.

9Na ɔyɛɛ asɔfo abangua ne ban mu adiwo kɛse no, na ɔde apon sisii adiwo no ano, na ɔde kɔbere duraa apon no ho.

10Na ɔde po no sii nkyɛn mu wɔ nifa, apuei a ɛkyerɛ nifa fam.

11Na Huram yɛɛ nseaa ne sesaw ade ne nkora no nso. Na Huram wiee adwuma a ɔyɛ maa ɔhene Solomon Onyankopɔn fi no yɛ,

12adum abien no ne apɔw no ne adum no atifi aduntiri abien no ne ntontan abien a wɔde kataa adum no atifi ntaasotiri apɔw abien no ho no,

13ne ntontan abien no akutu ahannan, akutu kyerɛpɛn abien yɛ ntontan biako de, sɛ ɛnkata adum no so ntaasotiri abien apɔw no ho;

14na ɔyɛɛ nsugye nnaka du no, na ɔyɛɛ nnyinaso nnaka no so aguasɛn du no;

15ɛpo biako ne ase anantwi dumien no,

16ne nseaa ne sesaw ade ne adinam no ne ɛho nneɛma nyinaa, Huram-abi yɛ maa ɔhene Solomon maa AWURADE fi no, ɛyɛ kɔbere a wɔabere ho hyɛnhyɛn.

17Yordan ho tataw mu na ɔhene gui, dɔte a wɔapiw mu, Sukot ne Sereda ntam.

18Na Solomon yɛɛ nneɛma yi nyinaa bebree pa ara, na wonnim kɔbere no nkarii ano.

19Na Solomon yɛɛ Onyankopɔn fi nneɛma no nyinaa, ne sika afɔremuka no, ne apon a Kyerɛ Abodoo sisi so no,

20ne akaneadua no ne ɛho akanea a wɔsɔ no sɛ ne yɛbea, mpiakyiri no anim no, ɛyɛ sika amapa,

21na ɛho nhwiren ne akanea ne adabaw no yɛ sika: Ne nyinaa yɛ sika ara nko.

22Na adumgya, nkora, aduhuam kukuwa ne nsrama nkukuwa no yɛ sika amapa kronkron, na ɔdan no ano apon a ɛwɔ emu fam, kronkron mu kronkronbea ho no, ne asɔrefi dan no apon no yɛ sika.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help