1Na nsɛm yi akyi no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, w'agya yare. Na ɔfaa ne mmammarima baanu, Manase ne Efraim, kaa ne ho.
2Na wɔkɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Hwɛ, wo ba Yosef reba wo nkyɛn. Na Israel miaa n'ani tenaa ne mpa so.
3 Gye 28.19 Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Onyankopɔn Tweaduampɔn yii ne ho kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so, na ohyiraa me,
4Gye 35.11-12 na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mɛma woadɔ, na mama woadɔɔso, mɛyɛ wo aman asafo, na mede asase yi mɛma w'asefo a wobedi w'akyi no sɛ daa agyapade.
5 Gye 41.50-52 Na afei wo mma baanu a wɔwoo maa wo wɔ Misraim asase so ansa na mereba wo nkyɛn Misraim no, wɔnyɛ me dea. Efraim ne Manase nyɛ me dea sɛ: Ruben ne Simeon.
6Na wo mma a wubenya wɔn wɔ wɔn akyi no, na ɛnyɛ wo dea, na wɔde wɔn nuanom din bɛfrɛ wɔn wɔ wɔn agyapade mu.
7 Gye 35.19 Na me de, mifi Padan mebae no, Rahel wui m'anim wɔ Kanaan asase so wɔ ɔkwan mu, na aka ɔkwantiaa bi na wadu Efrat, na misiee no hɔ wɔ Efrat a ɛne Betlehem no kwan nkyɛn.
8Na Israel huu Yosef mma no, ɔkae sɛ: Henanom ni?
9 Gye 33.5 Na Yosef ka kyerɛɛ n'agya sɛ ɛyɛ me mma a Onyankopɔn de ama me wɔ ha yi, ɛnna ose: Fa wɔn brɛ me ma minhyira wɔn.
10Na onyin nti, Israel ani so ayɛ no kusukusu a onhu ade yiye. Na ɔde wɔn bɛn no; na ofew wɔn ano yɛɛ wɔn atuu.
11Gye 37.33, 35; 45.26; Nnw 128.6 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Mansusuw sɛ mehu w'anim, na hwɛ, Onyankopɔn ama mahu wo mma nso.
12Na Yosef yii wɔn fii ne nantam, na ɔponoo ne mu de n'anim butuw fam.
13Na Yosef faa wɔn baanu nyinaa de ne nifa soo Efraim mu de no kyerɛɛ Israel benkum, de ne benkum soo Manase mu de no kyerɛɛ Israel nifa, na ɔde wɔn bɛn no.
14Na Israel teɛɛ ne nifa too Efraim a ɔyɛ akumaa no atifi, ne ne benkum too Manase atifi, na ɔboapa na ɔyɛɛ ne nsa saa, efisɛ Manase ne abakan.
15Gye 32.9; Nnw 23.1 Na ohyiraa Yosef sɛ: Onyankopɔn a m'agyanom Abraham ne Isak nantew n'anim no, Onyankopɔn a wayɛn me me nkwa nna nyinaa de abesi nnɛ,
16Gye 31.11-13 abɔfo a woyii me bɔne nyinaa mu no nhyira mmofra yi, na wɔmfa me din ne m'agyanom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase mfinimfini.
17Na Yosef hui sɛ n'agya de ne nsa nifa ato Efraim atifi no, anyɛ no dɛ, na osoo n'agya nsa sɛ onyi mfi Efraim atifi nkɔto Manase atifi.
18Na Yosef ka kyerɛɛ n'agya sɛ: M'agya, ɛnyɛ sɛ ɛte ne no, na oyi ne abakan, fa wo nifa to n'atifi.
19Num 1.33, 35; Deut 33.17 Na n'agya ampene na ose: Minim, me ba, minim; ɔno nso bɛyɛ ɔman, na ɔno nso adɔ, nanso ɛnyɛ dɛn ara a, ne nua kumaa no bɛso asen no, na n'asefo bɛyɛ aman pii.
20Heb 11.21 Na ɛda no ohyiraa wɔn sɛ: Wo na Israel de wo behyira sɛ: Onyankopɔn nyɛ wo sɛ Efraim ne Manase. Na ɔde Efraim dii Manase kan.
21Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, merewu, na Onyankopɔn bedi mo akyi, na ɔde mo asan akɔ mo agyanom asase so.
22Yoh 4.5 Na me de, mama wo asase kakraa bi a ɛboro wo nuanom de so a mede me nkrante ne me tadua migyei Amorifo nsam.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.