Eksodɔs 21 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nkoa ho mmara(Deuteronomium 15.12-18)

1Na eyinom ne atemmusɛm a fa to wɔn anim:

2Lew 25.39-40; Deut 15.12-17; Yer 34.14 Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ɔnsom mfe asia, na afe a ɛto so ason no, ɔmfa ne ho nkodi kwa.

3Sɛ ɔno nko na ɔbae a, ɔno nko na ɔnkɔ; sɛ ɔyɛ ɔwarefo a, ne yere no ne no nkɔ.

4Sɛ ne wura ama no ɔyere, na wawo mmabanin anaa mmabea ama no a, ɔbea no ne ne mma no nyɛ ne wura de, na ɔno nko nkɔ.

5Na sɛ akoa no ka sɛ: Medɔ me wura ne me yere ne me mma, mempɛ sɛ mefa me ho mikodi a,

6Eks 22.8-9, 28; Deut 1.17; Nnw 82 ɛnne ne wura no mfa no mmra Onyankopɔn anim, na ɔmfa no mmra ɔpon ho anaa apongua ho, na ne wura no mfa fitii mfiti n'asom, na ɔnsom no daa.

7 Eks 21.2 Na sɛ ɔbarima bi tɔn ne babea kɔyɛ afenaa a, ɛnne ɔmmfa ne ho nnkodi sɛ nkoa no.

8Sɛ ɔnsɔ ne wura a ogyee no aware no ani a, ɔmma wommegye no, na onni ho kwan sɛ ɔbɛtɔn no ama ɔnanani bi, efisɛ wadaadaa no.

9Na sɛ ogye no aware ma ne ba a, ɔnyɛ no sɛ ɔba.

10Sɛ ogye ɔfoforo ma no a, ɔmmma n'anoduan, ne nkataho ne n'aware so nnhuan.

11Na sɛ wanyɛ ade abiɛsa yi amma no a, ɛnne omfi nkɔ kwa; sika bi nni mu.

Okum a ɛnam nsapa so

12 Gye 9.6; Eks 20.13; Mat 5.21-22 Nea ɔbɔ onipa ma owu no, okum na wonkum no.

13Num 35.6-29; Deut 19.4-13 Na sɛ wantɛw no na Onyankopɔn na ama ne nsa apa a, ɛnne meyi baabi mama wo, na waguan akɔ hɔ.

141 Ah 2.29, 31 Sɛ obi hyɛ da kɔtoa ne yɔnko kum no anifere mu a, yi no m'afɔremuka ho na onwu.

15Nea ɔbɔ n'agya anaa ne na no, okum na wonkum no.

16 Deut 24.7; 1 Tim 1.10 Nea owia onipa tɔn no anaasɛ wohu no ne nsam no, okum na wonkum no.

17 Deut 27.16; Mmb 20.20; Mat 15.4 Nea ɔdome n'agya anaa ne na no, okum na wonkum no.

18Sɛ mmarima reko, na obi bɔ ne yɔnko bo anaa kuturuku, na wanwu, na ɛka no to mpa so a,

19sɛ ɔsɔre bio so ne poma mu nantew fi adi a, ɛnne nea ɔbɔɔ no no ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ, ne mmere a wasɛe no nko ho ka na ontua, na ɔsa na ɔmma wɔnsa no yare.

20Na sɛ obi bɔ n'akoa anaa n'afenaa abaa na ɔtɔ ne nsa ano a, ɔwere na wonni no.

21Nanso sɛ ɔtena hɔ da koro anaa nnanu a, wonnni no were, efisɛ ɔyɛ ne sika.

22Na sɛ mmarima reko na wɔkɔpem onyinsɛnfo, na ɔba no fi, na bɔne bi amma akyiri a, ogye na wonnye no nea ɔbea no kunu de bɛto no so no, na ɔmma sɛnea atemmufo no bɛkyerɛ.

23Lew 24.19-20; Deut 19.21; Mat 5.38 Na sɛ bɔne bi ba akyiri a, ɛnne ma ɔkra nsi ɔkra ananmu,

24aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu,

25ɔhyew nsi ɔhyew ananmu, apirakuru nsi apirakuru ananmu, atape nsi atape ananmu.

26Na sɛ obi bɔ n'akoa aniwa anaa n'afenaa aniwa na ɛsɛe a, n'aniwa no nti ɔmfa ne ho nkodi.

27Na sɛ otu n'akoa se anaa n'afenaa se a, ne se no nti ɔmma ɔmfa ne ho nkodi.

Awuranom asodi

28Sɛ nantwi pem ɔbarima anaa ɔbea ma owu a, ɛnne wonsiw nantwi no abo, na wonnni ne nam, na nantwi no wura no ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.

29Gye 9.5 Na sɛ nantwi no yɛ asisi dedaw, na wɔama ne wura no ate, na wanhwɛ no so, na wakokum ɔbarima anaa ɔbea a, wonsiw nantwi no abo, na ne wura no nso, wonkum no.

30Sɛ wobegye no mpata a, ɔmma ade biara a wobegye no mfa nnye ne kra.

31Ɔbabanin na osii no oo, ɔbabea na osii no oo, atɛn yi ara na wɔmfa mmu no.

32Sɛ nantwi no si akoa anaa afenaa a, ɔmma ne wura dwetɛ, nnwetɛbona aduasa, na wonsiw nantwi no abo.

33Na sɛ obi kobue abura ano anaasɛ obi kotu amoa na wankata so, na nantwi anaa afurum kɔhwe mu a,

34amoa no wura no nhyɛ ananmu, na ɔmma wɔn wura no sika, na funu no nyɛ ne dea.

35Na sɛ obi nantwi si ne yɔnko nantwi na owu a, wɔntɔn nantwi nikanfo no na wɔnkyɛ ne tiade no mu, na funu no nso wɔnkyɛ.

36Anaasɛ, sɛ wonim sɛ nantwi no yɛ asisi dedaw na ne wura no anhwɛ no so a, ɔmfa nantwi nsi nantwi no ananmu, na funu no nyɛ ne dea.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help