Mateo 15 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Honhom mu ahotew(Marko 7.1-23)

1Ɛnna Kyerɛwfo ne Farisifo fi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛkae sɛ:

2

8 Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni,

na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.

9 Na wɔsɔre me kwa,

wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.

10Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Muntie, na monte ase.

11Abeawa ɔbosonsonni bi ayaresa(Marko 7.24-30)

21Na Yesu fi hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam.

22Na hwɛ, Kanaanni bea bi a ofi mpɔtam hɔ bae bɛteɛteɛɛm sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi rehaw me babea dodo!

23Nanso wammua no. Na n’asuafo no bae bɛsrɛɛ no sɛ: Gya no kwan na ɔnkɔ, na ɔteɛteɛm di yɛn akyi.

24Mat 10.6 Na Yesu buae sɛ: Israel fi nguan a ayera no nko ara nkyɛn na wɔsomaa me.

25Na ɔbea no bae bɛkotow no sɛ: Awurade, boa me!

26Na obuae sɛ: Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduan tow ma akraman mma.

27Na ose: Ɛwom, Awurade, nanso akraman mma no nso di mporoporowa a efi wɔn wuranom pon so gu fam no bi.

28Mat 8.10; 8.13 Ɛnna Yesu bua see no sɛ: O ɔbea, wo gyidi so; ɛnyɛ mma wo sɛnea wopɛ no. Na amonom hɔ ara ne babea no ho yɛɛ no den.

Yesu sa nyarewa ahorow

29 Mar 7.31 Na Yesu fi hɔ baa Galilea po ho. Na ɔkɔɔ bepɔw so kɔtenaa ase wɔ hɔ.

30Na nkurɔfo akuwakuw pii de mpakye, mmubuafo, anifuraefo, mum ne afoforo pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn beguu ne nan ase, na ɔsaa wɔn yare

31Mar 7.37 ma ɛyɛɛ nkurɔfokuw no nwonwa, sɛ wohui sɛ mum rekasa, na mpakye ho san, na mmubuafo nantew, na anifuraefo hu ade; na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn anuonyam.

Nnipa mpemnan aduanma(Marko 8.1-10)

32 Mat 14.14 Na Yesu frɛɛ n’asuafo no see wɔn sɛ: Nkurɔfokuw yi yɛ me mmɔbɔ sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wonni biribi a wodi; nanso mempɛ sɛ migya wɔn kwan ma wɔde yafumpan kɔ, na wɔankɔtoto baha wɔ ɔkwan mu.

33Na asuafo no see no sɛ: Ɛhe na yebenya abodoo a ɛbɛso nkurɔfokuw pii sɛɛ, anwea pradada so ha?

34Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Abodoo ahe na mowɔ? Na wose: Ason ne mpataa nketewaa bi.

35Na ɔhyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ wɔntenatena fam.

36Na ɔfaa abodoo ason no ne mpataa no, na ɔdaa ase, na obubui de maa n’asuafo no, na asuafo no nso de maa nkurɔfo akuwakuw no.

37Na wɔn nyinaa di mee, na wɔtasetasee mporoporowa a ɛkae no nkɛntɛn ason mama.

38Na wɔn a wodii no yɛ mmarima mpemnan a wɔankan mmea ne mmofra anka ho.

39Na ogyaa nkurɔfo akuwakuw no kwan no, ɔtenaa ɔkorow mu na ɔbaa Magadan ahye so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help