Esra NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

NHYƐNMUEsra nhoma no di Berɛsosɛm nhoma no akyi pɛɛ, na ɛkyerɛkyerɛ sɛnea Yudafo no fi nnommumfa mu, wɔ Babel san baa fie, ne sɛnea wɔbɔɔ bra, ɛno akyi na wosiesie ɔsom adwuma no foforo wɔ Yerusalem. Wɔka saa nsɛm yi nnidisonnidiso wɔ akwan ahorow abiɛsa so. Nea edi kan ne: Yudafo kuw a wodi kan a Ɔhempɔn Kores a odi Persia so hene maa tumi sɛ womfi Babel nnommumfa mu nkɔ wɔn asase so no. Nea ɛto so abien ne sɛ: Wosi Asɔredan no foforo na wɔpa ho ntama, afei wɔsan de Onyankopɔn som no si ne sibea bio wɔ Yerusalem. Nea ɛto so abiɛsa ne sɛ: Mfe bi akyi no Yudafo kuw foforo a Esra a ɔyɛ Onyankopɔn asɛm mu mmaranimfo di wɔn kan, baa Yerusalem. Ɔno na ɔboaa nkurɔfo no siesiee wɔn nyamesom ne wɔn daadaa abrabɔ, de bɔɔ Israel honhom mu agyapade no ho ban.EMU NSƐMKuw a wodii kan fi tukɔ no mu bae 1.1—2.70

Wosi asɔredan no foforo ma wɔpa ho ntama 3.1—6.22

Esra ne atukɔfo foforo san ba Yerusalem 7.1—10.44

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help