Nnwom 81 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nokware afahyɛWɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no Gatfo sanku nne so. Asaf de

1Mommɔ ose mma Onyankopɔn, yɛn ahoɔden,

munhuro mma Yakob Nyankopɔn.

2Monto dwom na monyan mpintin,

mommɔ sanku dɛdɛ ne bɛnta sanku.

3

8Me man, tie, na minni wo adanse!

O, Israel, sɛ wubetie me ɛ!

9 Eks 20.2-3 Mma Onyame nanani bi nntena wo mu,

na nsɔre onyame nanani biara.

10Me ara mene AWURADE wo Nyankopɔn

a miyii wo Misraim asase so mebae no,

tɛɛ w’anom tɛtrɛɛ na menhyɛ no ma.

11Nanso me man antie me nne,

na Israel ampene me.

12 Aso 14.16 Na migyaa wɔn wɔn koma denyɛ mu,

ma wɔnantew wɔn ankasa tirim agyina a wotuu mu.

13Ao, sɛ me man tie me ɛ,

sɛ Israel nantew m’akwan so ɛ!

14Anka ɛnkyɛ na mabrɛ wɔn atamfo ase,

na madan me nsa mahyɛ wɔn ahohiafo.

15Anka AWURADE atamfo bɛbrɛ wɔn ho ase ama no,

na wɔn bere akyɛ akosi daa.

16 Deut 32.13 Na ɔde awi mu awi pa bɛyɛn wɔn,

na mede abotan mu wo mɛma woamee.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help