Sakaria 6 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nteaseɛnam anan no

1 Sak 1.8; Adi 6.2-8 Na mesan memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ na nteaseɛnam anan fi mmepɔw abien no ntam reba, na mmepɔw no yɛ kɔbere mmepɔw.

2Teaseɛnam a edi kan no, apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛto so abien no, apɔnkɔbiri na ɛwɔ ho,

3na teaseɛnam a ɛto so abiɛsa no, apɔnkɔfufu na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛto so anan no, apɔnkɔ nworannworan ahoɔdenfo na ɛwɔ ho.

4Na mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasa no sɛ: Dɛn ne eyinom, me wura?

5Sak 4.14 Na ɔbɔfo no bua see me sɛ: Eyinom ne ɔsoro mframa anan a efi adi fi nea wɔde wɔn ho gyinagyinaa asase nyinaa wura anim hɔ ba no.

6Nea apɔnkɔbiri wɔ ho no, wofi adi kɔ atifi fam asase so, na afufu no fi adi di wɔn akyi, na nworannworan no fi adi kɔ anafo fam asase so;

7Sak 1.10 na ahoɔdenfo no fii adi no, na wɔpɛ ntɛm anantew akyin asase so; na ɔkae sɛ: Monkɔ na munkokyin asase so.

8Na wokokyin asase so. Ɛnna ɔteɛɛm frɛɛ me kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrefi adi akɔ atifi fam asase so no ama me honhom ho asan no atifi fam asase no so.

Ɔsɔfopanyin no denhyɛ

9Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

10Gye sika ne dwetɛ fi atukɔfo a wofi Babel no Heldai ne Tobia ne Yedaia nsam, na ɛda no ara kɔ kɔhyɛn Sefania ba Yosia fi, nea wofi Babel bae hɔ,

11na fa yɛ abotiri, bɔ Yehosadak ba ɔsɔfopanyin Yosua ti,

12Sak 3.8 na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Hwɛ, ɔbarima bi a “Baa” ne ne din, na ɔbɛfefɛw n’ananmu, na obesi Awurade asɔredan no.

13Nnw 110.4 Ɔno ara na obesi Awurade asɔredan, na ɔno ara na ɔbɛsoa anuonyam, na watena n’agua so adi hene, na wadi sɔfo n’agua so, na asomdwoe agyinatu bɛtena wɔn baanu no ntam.

14Na Helem ne Tobia ne Yedaia ne Sefania ba no, bɛhwɛ abotiri no so, sɛ nkae ade wɔ Awurade asɔredan no mu.

15Na akyirikyirifo bɛba abesi Awurade dan no bi, na moahu sɛ asafo Awurade na ɔsomaa me mo nkyɛn; na sɛ mutie Awurade mo Nyankopɔn a, eyi benya aba mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help