Lewitikɔs 21 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Asɔfo no ahotew

1 Hes 44.20-25 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron mma asɔfo no na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo mu biara nngu ne ho fi funu bi ho ne man mu,

2gye ne bogya a ɔbɛn no, ne na ne n'agya ne ne babanin ne ne babea ne ne nuabarima,

3ne ne nuabea a ɔyɛ ɔbaabun a ɔbɛn no a onnya nnyaa okunu ɛ, ɔno ho na ɔmma ne ho nkum.

4Ɔyɛ ne nkurɔfo mu nipa titiriw nti, onngu ne ho fi, nanso onnhura ne ho.

5Lew 19.27-28 Wonnyi wɔn mpampam na wɔnnwɛre wɔn bogyesɛ ano, na wɔnnsesa wɔn honam mu nkamaa.

6Wɔnyɛ kronkron mma wɔn Nyankopɔn, na wonnhura wɔn Nyankopɔn din ho, efisɛ wɔn na wɔde AWURADE gya afɔre, wɔn Nyankopɔn aduan, no ba; enti wɔnyɛ kronkron.

7Wɔnnware ɔbea aguaman bi anaa nea ne ho ahura, nanso wɔnnware ɔbea a ne kunu ako no, efisɛ ɔyɛ kronkron ma ne Nyankopɔn.

8Na bu no kronkron, efisɛ wo Nyankopɔn aduan na ɔde ba; ɔnyɛ onipa kronkron mma wo, efisɛ kronkron ne me AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.

9Na sɛ ɔsɔfo babea fi ase bɔ aguaman a, wahura n'agya ho, wɔmfa ogya nhyew no.

10 Eks 29.7; Lew 10.6 Na ne nuanom mu sɔfo panyin a wɔahwie ɔsra ngo agu n'atifi na wɔde ahyɛ ne nsam sɛ ɔnhyɛ ntade no, ɔmmpɛsɛw ne ti na onnsunsuane ne ntade mu,

11na ɔnnkɔ funu biara ho, n'agya ne ne na ho po ɔmmma ne ho nnkum.

12Na ommfi kronkronbea hɔ, na onnhura ne Nyankopɔn kronkronbea ho, efisɛ ne Nyankopɔn sra ngo dwira no wɔ n'atifi: Mene AWURADE.

13Na ɔno de, ɔbaabun na ɔnware;

14okunafo ne nea wɔako no ne nea ne ho ahura ne aguaman de, ɔnnware eyinom mu biara, na mmom ne man mu baabun na ɔnware.

15Na onnhura n'asefo ho ne man mu; na mene AWURADE a meyɛ no kronkron.

16Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

17Kasa kyerɛ Aaron sɛ: W'asefo awo ntoatoaso mu ɔbarima a dɛm wɔ ne ho biara mmma mmmɛfa aduan mmmrɛ ne Nyankopɔn.

18Na obiara a odi dɛm no mmmɛn, onifuraefo oo, apakye oo, hwensin oo, nea ne honam biribi boro so oo,

19nea ne nan anaa ne nsa abu oo,

20afu oo, nea wakyenkyen oo, nea ɛtɛ si n'ani so oo, nea ɔyare ntwemu oo, ogyatɔfo oo, nea ne hwea aba abɔ oo,

21ɔsɔfo Aaron asefo mu biara a odi dɛm no nntwiw mmmɛn mmfa AWURADE gya afɔre no mmma; dɛm wɔ ne ho, ɔmmfa ne Nyankopɔn aduan no nntwiw mmma.

22Ne Nyankopɔn aduan, akronkronne mu ade kronkron ɛne akronkronne no de, onni bi.

23Ntwamu mmɔhɔɔ no ho nko na ɔmmma, na afɔremuka no ho na onntwiw mmmɛn, efisɛ dɛm wɔ ne ho; na wanhura m'akronkronne no ho, efisɛ mene AWURADE a meyɛ wɔn kronkron.

24Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma no ne Israelfo no nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help