2 Berɛsosɛm 34 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yosia gu ahonisom(2 Ahene 22.1-2)

1 2 Ah 22.1-20 Yosia dii mfe awotwe na obedii hene, na odii hene mfirihyia aduasa biako Yerusalem.

22 Be 29.2 Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, na ɔnantew n’agya Dawid akwan so, na wamman ankɔ nifa anaa benkum.

3Na n’ahenni afe a ɛto so awotwe so a ɔda so yɛ abofra no, ofii ase hwehwɛɛ n’agya Dawid Nyankopɔn, na afe a ɛto so dumien so no, ofii ase tew Yuda ne Yerusalem ho fii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua ne osen ahoni ne gu ahoni no ho.

42 Be 14.3; Lew 26.30 Na woburuw Baalim afɔremuka no n’anim, na owia adum a esisi so no, otwitwa gui, na Asera nnua ne osen ahoni ne gu ahoni no, obubui na osiwii, na ɔtow petee wɔn a wɔbɔɔ afɔre maa wɔn no adamoa so.

51 Ah 13.2 Na asɔfo no nnompe nso, ɔhyewee afɔremuka no so, na ɔtew Yuda ne Yerusalem ho.

6Na ɔyɛɛ saa ara, Manase ne Efraim ne Simeon nkurow ne ɛho amamfo so de kosii Naftali.

7Na oburuw afɔremuka no, na Asera nnua ne ahoni no, obubu sisiwii, na owia adum no nyinaa otwitwa gui Israel asase nyinaa so; na ɔsan baa Yerusalem.

Yosia pempam asɔrefi no(2 Ahene 22.3-20)

8Na n’ahenni afe a ɛto so dunwɔtwe so a owiee asase no ne ofi no ho tew no, ɔsomaa Asalia ba Safan ne kurow no so safohene Maaseia ne ɔkaefo Yoahas ba Yoah sɛ wɔnkɔ nkomiamia AWURADE ne Nyankopɔn fi no mu.

9Na wɔbaa ɔsɔfopanyin Hilkia nkyɛn, na wɔde sika a wɔde aba AWURADE fi a Lewifo aponanohwɛfo no aboa ano afi Manase ne Efraim ne Israel nkae nyinaa ne Yuda ne Benyamin nyinaa ne Yerusalemfo nkyɛn no maa wɔn,

10na wɔde hyɛɛ wɔn a wɔyɛ adwuma a wɔayi wɔn asisi AWURADE fi no so no nsa, na wɔn a wɔyɛ adwuma no a wɔyɛ AWURADE fi ade no de mae sɛ wɔmfa mpempam ofi no na wommiamia mu,

11na wɔde maa nnua adwumfo ne adansifo, sɛ wɔmfa ntotɔ abo a wɔatwa ne nnua mfa nyɛ mpuran ne nsɛmso nnua, adan a Yuda ahene asɛe no no mu.

12Na mmarima no yɛɛ adwuma no nokwaredi mu. Wɔn so ahwɛfo a wosisii no ne Yohat ne Obadia, Lewifo a wofi Merari mma mu, ne Sakaria ne Mesulam a wofi Kohatfo mma mu, sɛ wompiapia adwuma no ne Lewifo no mu wɔn a wonim dwonto ho adeyɛ nyinaa;

13na wodi nnosoasoafo no so, na wɔhwɛ adwumayɛfo nyinaa so sɛ ɔsom horow no te; nso Lewifo no mu binom yɛ akyerɛwfo ne mpanyimfo ne aponanohwɛfo.

Wohu mmara nhoma no

14Na wɔreyi sika a wɔde aba AWURADE fi no, ɔsɔfo Hilkia huu AWURADE mmara nhoma a ɔnam Mose so de mae no.

15Na Hilkia ka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Safan sɛ: Mmara nhoma no na mahu AWURADE fi yi. Na Hilkia de nhoma no maa Safan.

16Na Safan de nhoma no brɛɛ ɔhene, na ɔde mmuae brɛɛ ɔhene nso sɛ: Ade a wode ahyɛ wo nkoa nsa no nyinaa, wɔreyɛ.

17Na wohwiee sika a wohui AWURADE fi no guu hɔ, na wɔde hyɛɛ ahwɛfo no ne wɔn a wɔyɛ adwuma no nsa.

18Na ɔkyerɛwfo Safan bɔɔ din kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔsɔfo Hilkia de nhoma bi ama me. Na Safan kenkan mu ɔhene anim.

19Na ɔhene tee mmara no mu nsɛm no no, osunsuanee ne ntade mu.

20Na ɔhene hyɛɛ Hilkia ne Safan ba Ahikam ne Mika ba Abdon ne ɔkyerɛwfo Safan ne ahenkwaa Asaia sɛ:

21Monkɔ nkobisa AWURADE ade mma me ne Israel ne Yuda mu nkae, nhoma a wɔahu no mu nsɛm no nti, na AWURADE abufuw a wɔahwie agu yɛn so no so, sɛ yɛn agyanom anhwɛ AWURADE asɛm anyɛ sɛnea wɔakyerɛw nhoma yi mu no nyinaa nti.

Odiyifobea Hulda

22Ɛnna Hilkia ne wɔn a ɔhene somaa wɔn no kɔɔ odiyifobea Hulda a ɔyɛ Hasra ba Tokat ba Salum ntadehwɛfo yere no nkyɛn. (Nso ɔte Yerusalem kurow no nkyemu a ɛto so abien no mu) na wɔkɔkaa saa kyerɛɛ no.

23Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no se ni: Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo me nkyɛn no sɛ:

24Lew 26.14-39; Deut 28.15-68 Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede adebɔne bɛba ha yi ne ɛhafo so, mede nnome a wɔakyerɛw nhoma a wɔkanee Yuda hene anim no mu no nyinaa bɛba,

25esiane sɛ wɔagyaw me na wɔakɔhyew aduhuam ama anyame foforo, sɛ wɔde wɔn nsa ano nneyɛe nyinaa rehuru me bo, enti wobehwie m’abufuhyew agu ha yi, na wɔrennum.

26Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mummebisa AWURADE hɔ ade no de, sɛ monka nkyerɛ no ni: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no se ni: Nsɛm a wotee no de,

272 Be 33.12 sɛ wo koma ayɛ bɛtɛbɛtɛ, na woabrɛ wo ho ase Onyankopɔn anim, sɛ wotee ne nsɛm, ɛha yi ne ɛhafo ho, na woabrɛ wo ho ase m’anim asunsuane wo ntade mu asu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ose.

28Hwɛ, mɛboa wo maka w’agyanom ho, na wɔbɛboa wo akɔ wo da mu asomdwoe mu, na adebɔne a mede mereba ha yi ne ɛhafo so no nyinaa w’ani renhu. Na wɔde bebuaa ɔhene no.

Ɔhene Yosia ka ntam sɛ: Obetie Onyankopɔn(2 Ahene 23.1-20)

29Ɛnna ɔhene no soma ma wɔkɔboaa Yuda ne Yerusalem mpanyimfo nyinaa ano hyiae.

30Na ɔhene no foro kɔɔ AWURADE fi, na Yuda mmarima ne Yerusalemfo nyinaa ka ne ho, ne asɔfo ne Lewifo ne ɔman no nyinaa, efi ɔkɛse so de kosi akumaa so, na ɔkenkan apam nhoma a wohui AWURADE fi no mu nsɛm nyinaa guu wɔn asom.

312 Be 15.12; Yos 24.25 Na ɔhene no kogyinaa ne gyinabea, na ɔpamee AWURADE anim sɛ obedi AWURADE akyi, na wahwɛ ne mmara nsɛm ne n’adanse ne n’ahyɛde, ne koma nyinaa ne ne kra nyinaa mu, na wadi apam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so.

322 Ah 23.3 Na ɔmaa nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Benyamin nyinaa gyinaa mu. Na Yerusalemfo no yɛe sɛnea Onyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn no, apam no te no.

33Na Yosia yiyii akyide no nyinaa fii nsaase a ɛyɛ Israelfo de no nyinaa so, na ɔde wɔn a wɔwɔ Israel no nyinaa hyɛɛ ɔsom no mu ma wɔsom AWURADE wɔn Nyankopɔn. Ne nna nyinaa mu no, wɔamfi AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn no, akyidi ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help