1Ɔhene Antioku nenam ne mantifi mpasua so, na ɔtee sɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ abu so wɔ Elima a ɛwɔ Persia.
2Ne kronkronbea yɛ fɛ. Na sika nkatabo, ne akode a Filipo ba Alesksanda a ɔyɛ Masidonia hene a odi kan wɔ Helafo so no agyaw bi wɔ hɔ.
3Enti ɔbae sɛ ɔrebɛfow kurow no nanso wantumi, efisɛ na kurom hɔfo no ahu ne nhyehyɛe dedaw.
4Na wɔne no koe, na ɔde aniwu guan fii hɔ kɔɔ Babel.
5Na obi bɛbɔɔ no amanneɛ wɔ Persia sɛ asraafo a ɔde wɔn kɔɔ Yudea no adi nkogu.
6Lisia na ɔne n'asraafo dɔm dii kan kɔe, nanso woguan fii Yudafo no anim. Afei Yudafo no nyaa ahoɔden foforo, esiane akode ne ahode a wogye fii atamfo no hɔ nti.
7Na Yudafo no abubu nea wɔfrɛ no: Akyide no, agu fam. Ɛyɛ abosom fi bi a Antioku sii wɔ Yerusalem. Afei Yudafo no de ɔfasu tenten bi atwa kronkronbea hɔ ahyia sɛnea ɛte kan no. Na ɔhene kurow Bet-su, nso Yudafo no agye abɔ ho ban.
8Ɔhene tee saa nsɛm yi no, ne ho dwiriw no, na ɔde awerɛhow kɔdaa ne mpa so, efisɛ nneɛma ankɔ so sɛnea anka ɔhwehwɛ.
9Ɔdaa hɔ kyɛe, efisɛ abasamtu a emu yɛ den kuraa no, na afei ohui sɛ ɔrewu.
10Enti ɔfrɛɛ ne nnamfo nyinaa, see wɔn sɛ: Mintumi nna, na ɔhaw ne yaw ahyɛ me koma ma.
11Enti mibisaa me ho sɛ: Dɛn ne ɔhaw ne yaw a aba me so pii yi? Me a m'ahenni bere no, me yam ye, na nnipa pɛ m'asɛm no.
12Na afei mekae me bɔne, a meyɛɛ no Yerusalem, dwetɛ ne sika nneɛma a, mefa fii kronkronbea hɔ, ne Yudafo a emfi hwee so a mesɛe wɔn kwa no.
13Minim sɛ eyinom nyinaa nti na ɔyaw a ɛyɛ hu yi aba me so, na merebewu wɔ ananafo asase yi so a anidaso bi nni hɔ.
14Na ɔfrɛɛ Filipo, ne fotufo biako a ogye no di yiye, na ɔde n'ahemman no nyinaa hyɛɛ ne nsa.
15Ɔde n'ahenkyɛw, batakari, ne ne tumi petea hyɛɛ ne nsa, na ɔmaa no tumi sɛ ɔnkyerɛkyerɛ ne ba Antioku a ɔto so anum na ommedi hene.
16Ɔhene Antioku wui wɔ hɔ afe 149 mu.
17Bere a Lisia tee sɛ ɔhene no awu no, ɔde aberante Antioku sii n'agya anan. Watetew aberante no afi ne mmofraase, na afei ɔde din Eupato too no so.
Antioku VI ne Lisia akodi(2 Makabe 13.1-26; 11.22-26)18Afei atamfo a wɔwɔ Yerusalem no asiw Israelfo no kwan afa kronkronbea no afanan nyinaa, na daa wɔhaw wɔn na ɛma amanaman mufo no nya wɔn ho kwan.
19Na Yuda yɛɛ n'adwene sɛ ɔbɛsɛe wɔn, enti ɔfrɛɛ ne nkurɔfo boaa ano, twaa abandennen no ho hyiae.
20Eyi baa so, afe 150 mu. Wosisii mpempe ne akoban.
21Nanso mmarima no bi a wɔwɔ ahokyere mu no guanee, na wɔne Yudafo Asasafo bi kɔɔ ɔhene nkyɛn kosee no sɛ:
22Enkosi da bɛn na wobetua w'atamfo bɔne so ka, wɔ nea wɔyɛɛ wo manfo nti.
23Na yɛpenee so som w'agya, dii n'anamɔn akyi, ne ne mmara so.
24Nanso mfaso bɛn na yenyae? Yɛn nkurɔfo mmom na adan yɛn atamfo. Na wɔakunkum yɛn mu pii awiawia yɛn nneɛma nso.
25Nanso ɛnyɛ yɛn nko, wɔde saa ayɛ afoforo a, wɔne wɔn bɔ hye.
26Na nnɛ wɔatwa Yerusalem aban dennennen no ho ahyia, rebɛfa. Na Betsu kronkronbea no nso wɔabɔ ho ban ahyia.
27Sɛ wankeka wo ho ntɛm a, wɔbɛyɛ nea ɛsen eyi, na worentumi nsiw wɔn kwan.
28Ɔhene tee eyi no, ne bo fuwii, na ɔfrɛɛ n'asraafo mpanyimfo, apɔnkɔso tenafo, ne n'afotufo nyinaa boaa ano.
29Ɔfrɛɛ asraafo bi fi Helafo supɔw so, ne aman foforo bi so, bɔɔ wɔn paa.
30N'asraafo no dodow si: Anammɔn mu asraafo ɔpeha (100,000), apɔnko sotefo ɔpeduonu (20,0000), ne asono a wɔasiesie wɔn ama ɔko nso aduasa abien (32).
31Ɔhene ne n'asraafo twaam wɔ Idumea, na wɔkɔtoaa Butsu, na ɛhɔ wɔkoo nna pii, sisii akoban. Nanso banbɔfo no koo mmarima so, fii kurow no mu bɛhyew wɔn akoban no.
32Enti Yuda ne n'asraafo fii Yerusalem aban dennen no mu kosii bi wɔ Bet-Sakaria de siw ɔhene ne ne dɔm no kwan.
33Ade kyee pɛ na ɔhene ne ne dɔm siesiee wɔn ho maa ɔko, hyɛn trobɛnto faa Bet-Sakaria kwan no so.
34Wɔmaa asono no bobesa ne aduaba mu nsu, de kanyan wɔn maa ɔko no.
35Afei wɔkyekyɛɛ mmoa no maa akodɔm no. Sono biako biara ne asraafo mpensa na ɛnam. Asraafo no hyehyɛ ayowa akokyɛm, na apɔnkɔ so asraafo ahanum nso ka sono biako ho.
36Wodii mmoa no anim kɔɔ baabiara a wɔbɛkɔ, na wɔannyaw no da.
37Wɔnam ɔkwan bi so de nnua asi abannennen a wɔasiesie no kama wɔ sono akyi na wɔde ade sonowonko bi aso mu.
38Asraafo baasa ka sonokafo no ho na wɔtete no so.
39Sɛ awia no bɔ gu, sika ne ayowa nkatabo no so a, ɛma mmepɔw no so nyinaa hyerɛn sɛ gyatɛn.
40Afei ɔhene asraafo no bi gu mmepɔw so, na binom nso nam petee mu, na wɔkɔ no brɛoo wɔ ɔkwan pa so.
41Sɛ nnipa te nnyigyei a wɔn akode ne wɔn nsrabɔ no yɛ a na ɛyɛ hu, efisɛ wɔdɔɔso pii, na wɔte apɔw nso.
42Ntɛm ara Yuda ne n'asraafo no, hyiaa wɔn, na wokum ɔhene asraafo no mu nnipa ahansia.
43Afei Eleasar a wɔfrɛ no, Awaran huu sɛ, aboa no biako so ɔhene akode. Ɔso, na ɔware sen wɔn a aka no nyinaa, na ɛyɛɛ no sɛ ɔhene no bɛwɔ saa aboa no so.
44Enti ɔde ne nkwa too hɔ maa ne man sɛ obegye din ama ne ho na atena hɔ daa.
45Saa nti ɔde akokoduru bɔ hyɛn asono no mu, kunkum mmarima benkum ne nifa, na woguan fii n'anim.
46Ɔhyɛn sono biako ase kum no, nanso, aboa no bɛhwee no so ma owui.
47Yudafo no huu ɔhene no ahoɔden, ne n'asraafo no anibere no, wɔbɔɔ wɔn ho aguaa.
Atamfo twa kronkronbea no ho hyia48Ɔhene asraafo no tiw wɔn kɔɔ Yerusalem ne wɔn kɔkoe. Ɔhene bɔɔ ne nsra wɔ Sion bepɔw a ɛwɔ Yuda no so
49Ɔne nnipa a ɛwɔ Bet-sur no yɛɛ asomdwoe apam na wofii hɔ, efisɛ na ɔkɔm aba, esiane sɛ afe no yɛ homeda afe a wɔnyɛ adwuma, na aduan biara nni mfuw so.
50Enti ɔhene dii Bet-su kurow no so, na ɔde n'asraafo tenaa hɔ.
51Afei otwaa kronkronbea hɔ hyiae nna pii. Na ɔyɛɛ aban dennen, ne ɔko mfiri ahorow a ɛtow gya, abo, mpeaw ne tae nso.
52Yudafo no yɛɛ ɔko mfiri sɛ wɔn de no ara bi, na wɔkoo nna pii.
53Nanso na wonni nnuan wɔ hɔ, efisɛ ɛyɛ afe a ɛto so ason nti, amanaman mufo a wɔbɛtenaa Yudea no adi nea ɛwɔ hɔ nyinaa.
54Ɔkɔm no ano yɛɛ den sɛ, nnipa pii fii wɔn afi mu, na kakraa bi na ɛkaa wɔn wɔ kronkronbea hɔ.
55Afei Filipo a Ɔhene Antioku paw no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ ne ba no na ommedi hene no,
56fi Persia ne Media bae. Ɔde adehye asraafo bae, a ne botae ne sɛ ɔrebɛtena ahengua no so.
57Lisia tee eyi pɛ, na ɔyɛɛ ntɛm hyɛɛ wɔn sɛ wommfi hɔ, na ɔka kyerɛɛ ɔhene no ne asraafo mpanyimfo no ne asraafo no sɛ: Yɛn ahoɔden ba fam adekyee biara, yɛn nnua so atew, beae a yɛreko yi yɛ den dodo, na ahemman no mu nsɛm hyɛ yɛn so.
58Enti momma yɛne nnipa yi ne wɔn aman nyinaa ntena asomdwoe mu.
59Momma yɛmpene so na wonni wɔn mmara so, na wɔn mmara a yeguu no nti, na ɛde abufuw ne eyinom nyinaa aba.
60N'afutusɛm no sɔɔ ɔhene no ne asraafo mpanyimfo no ani, nti wɔsoma kɔɔ Yudafo no nkyɛn, kɔyɛɛ asomdwoe apam ma wɔpenee so.
61Eyi mu no, ɔhene ne ne mpanyimfo ma wɔkaa ntam. Na eyi nti, wofii aban no mu.
62Nanso ɔhene no duu Sion Bepɔw no ho na ohuu abandennen bi wɔ hɔ no, obuu ntam no so, na ɔhyɛɛ n'asraafo no sɛ wommubu ngu fam.
63Na ɔde mmirika kɔɔ Antiokia. Ɛhɔ na ohuu Filipo sɛ odi hene wɔ ahenkurow no so. Ɔne no koe gye fii ne nsam ɔhyɛ so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.