1Adekyee no Holoferne hyɛɛ n'asraafo no nyinaa, ne dɔm a wɔabɛka ho no sɛ wontu Betulia so sa, na wɔn nsa nka akwan a wɔde kɔ nkoko aman no mu no, na wɔne Israelfo nkɔko.
2Ne saa nti akofo no nyinaa siim saa da no. Wɔn dodow ni: Fam asraafo yɛ mpem ɔha aduɔsɔn, apɔnkɔsotefo yɛ mpem dummien, nnesoa ne asraafo a wɔhwɛ so de, obi ntumi nkan wɔn. Wɔdɔɔso pii.
3Wɔbɔɔ nsra wɔ obon a ɛbɛn Betulia no mu, wɔ asuwa no ho, na wɔbaebae wɔn ho mu de traa Dotan ara koduu Balbaim, na wɔn tenten mu fi Betulia kɔpem Siamon a ɛne Esdraelon di nhwɛanim no.
4Mmere a Israelfo huu atamfo no dodow no, wosuroe pii, na obiara see ne yɔnko sɛ: Saa dɔm yi bɛkata asase no nyinaa so; mpo mmepɔw atenten ne abon ne nkoko no rentumi nkura wɔn.
5Nanso obiara bɔɔ ntoa, na wɔsosɔɔ gya wɔ wɔn abantenten no atifi, na wosii pɛ ara wɛn anadwo mu no nyinaa.
6Da a ɛto so abien no, Holoferne de ne apɔnkɔsotefo no puei wɔ petee no mu ma Israelfo a wɔwɔ Betulia no huu wɔn.
7Ɔkɔsrasraa akwan a ɛdeda nkurow no hono so, na ɔkɔhwɛɛ asuwa a ɛma Israelfo no nsu no, na ɔkɛntɛn so na ɔde n'asraafo wɛn hɔ na ɔsan kɔɔ ne dɔm no nkyɛn.
8Na Edomfo ne Moabfo mu mpanyimfo, ne mpoano aman no mu asraafo mpanyimfo no baa ne nkyɛn bɛkae sɛ:
9Yɛn wura yɛ aso tie nea yɛrebɛka akyerɛ wo yi, na amma w'asraafo no anni nkogu.
10Saa Israelfo yi, mmfa wɔn ho nnto wɔn mpeaw so, na mmom wɔde wɔn ho to mmepɔw atenten a wɔtete so no so, efisɛ ɛyɛ den sɛ atamfo bedu mmepɔw no atifi .
11Saa nti, me wura, wo ne wɔn nnkɔko wɔ nsra mu. Ɛba saa a, wo dɔm no mu nnipa biako mpo rentɔ.
12Wone w'asraafo no nyinaa ntena nsra no mu, na ma wo nkoa no nkutoo nkɔfa asuwa a, emu nsu sen fi nkoko no mu no nnommum.
13Efisɛ ɛha na Betuliafo nyinaa nya wɔn nsu, enti nsukɔm bekunkum wɔn, na wɔaguan agyaw wɔn nkurow no. Ansa na no, yɛne yɛn nkurɔfo bɛforo akɔ bepɔw a ɛbɛn yi atifi akɔbɔ nsra wɔ hɔ, awɛn ahwɛ ama onipa biako mpo amfi kurow no mu ankɔ.
14Ɔkɔm bɛma wɔn yerenom ne wɔn mma ahwere wɔn nkwa, na ansa na afoa bɛkɔ wɔn so no, na wɔawuwu dedaw wɔ nea wɔtetee hɔ.
15Nti wode bɔne betua wɔn ka, efisɛ wɔtew atua, sɛ wɔanhyia wo asomdwoe mu.
16Saa nsɛm yi sɔɔ Holoferne ne n'akyidifo no nyinaa ani na ɔhyɛe sɛ wɔnyɛ sɛnea wɔaka no.
17Eyi nti Amon asraafo no ne Asiriafo mpem nnum tu dii kan, na wɔkɔbɔɔ nsra wɔ obon no mu na wɔfaa Israelfo nsu a wɔsaw nom ne wɔn nsuwa no nnommum.
18Na Edomfo ne Amonfo foro kɔɔ bepɔw no fa a ɛne Dotan di nhwɛanim no so kɔbɔɔ nsra; na wɔsomaa wɔn nkurɔfo no bi kɔɔ anafo ne apuei fam, wɔ petee no fa a ɛkyerɛ Egrebe no mu, na ɛbɛn Kusi a ɛda Asubɔnten Mokmur ho no. Na Asiria asraafo no nkae kataa asase no so nyinaa, na wɔn ntamadan ne wɔn nneɛma a wɔde nam no terɛw yɛɛ hɔ ma, na wɔyɛ dɔm kɛse pa ara.
19Israelfo su frɛɛ Awurade wɔn Nyankopɔn, efisɛ wɔn akokoduru so ahuan, na wɔn atamfo nyinaa atwa wɔn ho ahyia, na kwan nni hɔ a wɔde beguan afi wɔn nsam.
20Asiria asraafo nyinaa, wɔn a wɔnam wɔn anammɔn, ne wɔn a wɔte nteaseɛnam ne apɔnkɔ so twaa wɔn ho hyiae adaduasa anan, kɔpem sɛ obiara a ɔwɔ Bethulia no ade mu nsu sae;
21na wɔn nhina mu nsu nyinaa sae, a na wonnya bi a ɛso wɔn dakoro nom mpo, kosii sɛ na wosusuw nsu de ma wɔnom.
22Wɔn mma dɔɔso, na osukɔm maa mmabaa ne mmerante twitwa hwehwee kurow no mmɔten so, ne kurow no abobow ano a na ahoɔden biara nni wɔn mu bio.
23Na nnipa no nyinaa, mmerante ne mmabaa ne mmofra boaboaa wɔn ho ano wɔ Usia ne amansin so ahwɛfo no nkyɛn na wɔteɛɛm sui wɔ mpanyimfo no nyinaa anim.
24Nyankopɔn nni yɛn ntam asɛm! Moahaw yɛn pii sɛ mone Asiriafo no, anyɛ asomdwoe apam.
25Na afei yenni obiara a ɔbɛboa yɛn. Onyankopɔn apo yɛn ahyɛ wɔn nsa, sɛ wɔmmɛyɛ yɛn basabasa na osukum nkum yɛn.
26Afei momfrɛ wɔn mmra na munnyaa kurow yi mu nhyɛ Holoferne ne n’akofo nyinaa nsa na wɔmfom mu nneɛma.
27Efisɛ ɛbɛyɛ yie ama yɛn sɛ wɔbɛfa yɛn nnommum; ayɛ yɛn wɔn nkoa na wɔde yɛn nkwa akyɛ yɛn sen sɛ yɛrehu yɛn mma ne yɛn yerenom sɛ wɔrewuwu yɛn anim yi.
28Ɔsoro ne asase Nyankopɔn ne yɛn agyanom Awurade, a otua yɛn ne yɛn agyanom amumɔyɛ so ka no nyɛ yɛn dansefo sɛ nea yɛreka nnɛ ni.
29Osu ne kwadwom kɛse sii wɔ nhyiam hɔ, na wɔde nne kɛse su frɛɛ Awurade Nyankopɔn.
30Na Usia see wɔn sɛ: Me nuanom, monnya akokoduru. Momma yɛntwɛn nnannum bio, na saa bere no Onyankopɔn ayamye bɛda adi, na ɔrennyaw yɛn.
31Na sɛ saa nna no twa mu, na yennyaa mmoa biara a, mɛyɛ nea moka no.
32Afei ogyaa nkurɔfo no kwan kɔɔ wɔn nnwuma so, kogyinagyinaa wɔn nkurow afasu ne abantenten so. Mmea ne mmofra no de, wɔmaa wɔkɔɔ fie. Na awerɛhow ne ehu kɛse wɔ ɔman no mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.