1 Kristo hyira mmofra(Mateo 19.13-15; Luka 18.15-17)
13Na wɔde mmofra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so; na n’asuafo no kaa wɔn a wɔde wɔn bae no anim.
14Na Yesu hui no, anyɛ no abodwo, na osee wɔn sɛ: Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan; na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea.
15
28Na Petro fii ase see no sɛ: Hwɛ, yɛagyaw ade nyinaa abedi w’akyi.
29Na Yesu kae sɛ: Nokware mise mo sɛ, obi nni hɔ a wagyaw ofi, anaa nua mmarimanom, anaa nuammeanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa asase, me ne asɛmpa no nti,
30na ɔrennya afi ne nuammarimanom ne nuammeanom ne ɛnanom ne mma ne nsaase mmɔho ɔha, a ɔtaa ka ho, seisei wɔ bere yi mu, ɛne daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu.
31Na adikanfo pii bɛka akyiri, na akyikafo abedi kan.
Yesu wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ a ɛto so abiɛsa(Mateo 20.17-19; Luka 18.31-34)32 Onyankopɔn ahenni mu dibea(Mateo 20.20-28)
35Na Sebedeo mma Yakob ne Yohane baa ne nkyɛn besee no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ biribiara a yɛbɛsrɛ wo no, woyɛ ma yɛn.
36Na osee wɔn sɛ: Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ mema mo?
37Na wosee no sɛ: Nea yɛ ma yɛn ne sɛ: Ma yɛn mu biako ntena wo nifa, na obiako ntena wo benkum, w’anuonyam mu!
38
41Na edu no tee no, Yakob ne Yohane asɛm no anyɛ wɔn abodwo.
42Onifuraeni Bartimeo adehu(Mateo 20.29-34; Luka 18.35-43)
46Na woduu Yeriko. Na ɔne n’asuafo no ne nkurɔfokuw bebree refi Yeriko akɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifuraefo no, te kwankyɛn resrɛsrɛ ade.
47Na ɔtee sɛ ɛyɛ Yesu Nasareni no, ofii ase teɛɛm sɛ: Dawid ba Yesu, hu me mmɔbɔ!
48Na nnipa pii kaa n’anim sɛ ommua n’ano; nanso ɔno de, ɔkɔɔ so teɛteɛɛm dennen sɛ: Dawid ba, hu me mmɔbɔ!
49Na Yesu gyina kae sɛ: Momfrɛ no! Na wɔfrɛɛ onifuraefo no see no sɛ: Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre, ɔrefrɛ wo!
50Na ɔtow ne ntama gui sɔre baa Yesu nkyɛn.
51Yesu bisaa no sɛ: Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo? Na onifuraefo no see no sɛ: Rabuni, mepɛ sɛ mihu ade!
52Na Yesu see no sɛ: Kɔ, wo gyidi agye wo! Na ntɛm ara ohuu ade, na odii n’akyi ɔkwan no so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
