Hiob 34 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Elihu kɔ so ara ka Hiob anim

1Na Elihu toaa so sɛ:

2Anyansafo, muntie me nsɛm,

na mo, animdefo, monyɛ aso mma me.

3 Hiob 12.11 Na aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ,

na ano ka aduan hwɛ.

4Yɛbɛsɔ atemmu ahwɛ afa,

na yɛahu nea eye yɛn ntam.

5 Hiob 33.9; 27.2 Na Hiob aka sɛ: Meteɛ,

nanso Onyankopɔn amfa me bem amma me.

6 Hiob 9.15, 20; 6.4 Me bem mu ara na wobu me torofo,

m’agyan kuru mu ayɛ den,

nanso mmarato bi nni me mu.

7 Hiob 15.16 Ɔbarima bɛn na ɔte sɛ Hiob

a ɔnom mmusubɔ sɛ nsu,

8 Nnw 1.1 na ɔhyɛn amumɔyɛfo ayɔnkofa mu,

na ɔne nnipa abɔnefo nantew?

9 Hiob 9.22 Na ɔka sɛ: Ɛnyɛ mfaso mma onipa

sɛ ɔne Nyankopɔn bɔ.

10Enti mo a mowɔ ti, muntie me,

ɛmpare Onyankopɔn sɛ obedi asɛmmɔne,

na Otumfo bedi amumɔyɛsɛm,

11 Rom 2.6 na mmom, onipa nneyɛe so ka na otua no,

na sɛ obi kwan te no, saa na ɔma ɛto no.

12 Hiob 19.6 Ampa ara, Onyankopɔn nni asɛmmɔne,

na Otumfo nkyea atemmu.

13Hena na ɔde asase hyɛɛ ne nsa,

na hena na osiesiee wiase nyinaa?

14Sɛ ɔka sɛ ogye n’ahome fa,

na ɔtwe ne honhom ne n’ahome ba ne nkyɛn a,

15 Gye 3.19; Nnw 104.29 anka ɔhonam nyinaa begyaa mu prɛko,

na onipa bɛsan akɔ dɔte mu.

16Na sɛ wowɔ nhumu a, tie eyi,

yɛ aso ma me nsɛm.

17So nea okyi atɛntrenee benya aman so adi?

Anaasɛ wubebu ɔtreneeni tumfo no fɔ?

18Nea ɔka kyerɛ ɔhene sɛ: Ohuhuni!

Ne mmapɔmma sɛ: Abɔnefo!

19Nea ɔnhwɛ atitiriw anim,

na ommu ɔdehye nsen mmɔboroni;

efisɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa.

20Mpofirim na wowu,

na adasu mu na aman hinhim na wɔsen kɔ,

na wɔpra abirempɔn kɔ,

nso ɛmfa onipa nsa so.

21 Hiob 31.4; Mmb 5.21 Na n’ani wɔ onipa akwan so,

na ohu n’akwan nyinaa.

22 Nnw 139.11-12 Esum nni hɔ,

na esum kabii nni hɔ,

na amumɔyɛfo de wɔn ho ahintaw hɔ.

23Na enhia sɛ ɔhwɛ onipa ma ɛkyɛ

ansa na wakɔ Onyankopɔn nkyɛn, atemmu mu.

24Obubu abirempɔn na ɔnhwehwɛ mu,

na ɔde afoforo si wɔn ananmu.

25Ɛno nti ɔhwɛ wɔn nneyɛe,

obutuw wɔn anadwo ma wɔdwerɛw wɔn.

26Ɔhwe wɔn sɛ abɔnefo,

ma nnipa nyinaa hu.

27Efisɛ wɔman fii n’akyi kɔe,

na wɔannwen n’akwan no biara ho,

28 Eks 22.23 sɛ wɔbɛma mmɔboroni sufrɛ adu ne nkyɛn,

na wate amanehunufo sufrɛ.

29Na sɛ ɔno na ɔma edwo a,

hena na obebu fɔ?

Na ɔde n’ani hintaw a,

hena na ɔbɛhwɛ no?

Ɔman mu so oo, obiakofo so oo, odi no pɛ,

30na onipa kɔnkɔnsani anni hene,

na wɔansum ɔman afiri.

31Na so obi bɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ:

Mahu amane, merenyɛ amumɔyɛ bio,

32 Hiob 40.5 nea minnya minhui, wo na kyerɛ me,

sɛ madi amumɔyɛsɛm a, merenni bio?

33Na worepo ne nneyɛe yi, ɔnhyɛ wo ananmu sɛnea wopɛ anaa?

Enti wo na ɛsɛ sɛ wopaw, na ɛnyɛ me,

na nea wunim no, ka ɛ!

34Nnipa a wɔwɔ ti bɛka akyerɛ me,

na ɔbarima nyansafo betie ama me,

35 Hiob 38.2 Hiob de, ɛnyɛ nimdeɛ so na ɔkasa,

na ne nsɛm mu nni nhumu.

36Sɛ anka ɔbɛsɔ Hiob ahwɛ akosi awiei ɛ,

efisɛ ne mmuae te sɛ amumɔyɛfo mmuae.

37 Hiob 34.5 Na ɔde mmusubɔ ka ne bɔne ho,

yɛn mu po ɔbɔ ne nsam,

na ɔma ne nsɛm a ɔde ne Onyankopɔn di asi no dɔɔso.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help