Nehemia NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)
NHYƐNMUNehemia nhoma no wɔ nkyekyɛmu ahorow anan. 1. Persia manhene soma Nehemia ba Yerusalem sɛ ɔmmɛyɛ amrado wɔ Yuda. 2. Wɔsan si Yerusalem afasu no bio. 3. Esra kenkan Onyankopɔn mmara nsɛm no wɔ nidi ne koomyɛ mu de kyerɛ ne nkurɔfo no, ma ɔman no ka wɔn bɔne. 4. Nehemia dwumadi ahorow bi sɛ amrado wɔ Yuda.Ade biako a edi nhoma yi mu akoten ne ahotoso a Nehemia nyaa wɔ Onyankopɔn mu ne mpae a, ɔbɔ daa na abɛyɛ ɔsɛnnahɔ wɔ nhoma mu.EMU NSƐMNehemia san ba Yerusalem 1.1—2.20Wɔsan to Yerusalem afasu no bio 3.1—7.73Wɔkenkan mmara nsɛm no na wɔhyɛ apam no mu den 8.1—10.39Nehemia dwumadi ahorow bi 11.1—13.31